22
Atemmu A Etia Ahemfo Amumɔyɛfo
Sɛɛ na Awurade se, “Sian kɔ Yudahene ahemfi na kɔpae mu ka saa asɛm yi: ‘Tie Awurade asɛm, Yudahene, wo a wote Dawid ahengua so, wo, wʼakannifo ne wo nkurɔfo a wɔfa apon yi mu. Sɛɛ na Awurade se: Monyɛ nea ɛteɛ na ɛnam kwan mu. Munnye nea wɔabɔ no korɔn mfi ne hyɛsofo nsam. Monnyɛ ɔhɔho, ayisaa ne okunafo bɔne na monnyɛ wɔn basabasa nso, na munnhwie mogya a edi bem ngu wɔ ha. Sɛ moyɛ ahwɛyie na mudi saa ahyɛde yi so a, ɛno de ahemfo a wɔte Dawid ahengua so ne wɔn adwumayɛfo ne wɔn nkurɔfo bɛfa saa ahemfi apon yi mu, a wɔtete nteaseɛnam mu ne apɔnkɔ so. Enti sɛ moanni saa nhyehyɛe yi so a, Awurade na ose, “Meka me ho ntam sɛ, saa ahemfi yi bɛdan ofituw.” ’ ”
Nea Awurade ka fa Yudahene ahemfi ho ni:
“Ɛwɔ mu wote sɛ Gilead ma me,
te sɛ Lebanon mmepɔw atifi,
nokware, mɛyɛ wo sɛ nweatam,
sɛ nkurow a obiara nte mu.
Mɛsoma asɛefo abɛtoa mo,
obiara ne nʼakode,
wobetwitwa mo sida mpuran fɛfɛ no mu
na wɔatow agu ogya no mu.
“Nnipa a wofifi aman bebree so betwa mu wɔ kuropɔn yi so, na wobebisabisa wɔn ho wɔn ho se, ‘Adɛn nti na Awurade ayɛ saa kuropɔn kɛse yi sɛɛ?’ Na mmuae no bɛyɛ sɛ, ‘Efisɛ wɔagyaw Awurade, wɔn Nyankopɔn apam no akɔsɔre anyame afoforo asom wɔn.’ ”
10 Munnsu ɔhene a wafi mu, na munni ne ho awerɛhow;
mmom, munsu dennen mma nea ɔkɔ nnommum mu,
efisɛ ɔrensan nʼakyi
na ɔrenhu asase a wɔwoo no wɔ so no bio.
11 Na sɛɛ na Awurade ka faa Yosia babarima Salum a odii nʼagya ade sɛ Yudahene na wafi ha no ho: “Ɔrensan mma bio. 12 Obewu wɔ faako a wɔafa no nnommum kɔ hɔ; na ɔrenhu saa asase yi bio.”
13 “Nnome nka nea ɔmfa ɔkwan trenee so nsi nʼahemfi,
ɔde asisi si nʼabansoro,
ɔma ne manfo yɛ adwuma kwa,
ontua wɔn apaade so ka.
14 Ɔka se, ‘Mesi ahemfi kɛse ama me ho
nea ɛwɔ abansoro adan a mu soso.’
Enti ɔyɛ mfɛnsere akɛse wɔ mu,
ɔde sida dura mu
na ɔde ahosu kɔkɔɔ hyehyɛ mu.
 
15 “Wowɔ sida bebree a
na ɛma woyɛ ɔhene ana?
Na wʼagya nni aduan ne nsa ana?
Ɔyɛɛ nea ɛfa ne kwan mu na ɛteɛ,
enti esii no yiye.
16 Odii mmɔborɔfo ne ahiafo nsɛm maa wɔn,
enti biribiara yɛɛ yiye maa no.
Na ɛnyɛ eyi na ɛkyerɛ sɛ obi nim me ana?”
Awurade na ose.
17 “Mo ani ne mo koma
wɔ mfaso bɔne nko ara so,
sɛ muhwie mogya a edi bem gu
na moyɛ nhyɛso ne asisi nso.”
18 Ɛno nti, sɛɛ na Awurade ka fa Yudahene Yosia babarima Yehoiakim ho:
“Wɔrensu no:
‘A, me nuabarima! A, me nuabea!’
Wɔrensu no:
‘A, me wura! A, nʼahoɔfɛ!’
19 Wobesie no sɛ afurum,
wɔbɛtwe nʼase na wɔatow no akyene
Yerusalem apon akyi.”
 
20 “Monkɔ Lebanon nkosu,
momma wɔnte mo nne wɔ Basan,
munsu mfi Abarim,
efisɛ wɔadwerɛw mo dɔm nyinaa.
21 Mebɔɔ wo kɔkɔ, bere a na ɛyɛ wo sɛ wʼasom adwo wo no,
nanso wokae se, ‘Merentie!’
Eyi ne ɔkwan a wonam so fi wo mmerantebere mu;
woanyɛ osetie amma me.
22 Mframa bɛbɔ wo nguanhwɛfo nyinaa akɔ,
na wʼapamfo nyinaa bɛkɔ nnommum mu.
Afei wʼani bewu na wʼanim agu ase
esiane wʼamumɔyɛ nyinaa nti.
23 Mo a mote Lebanon,
na modeda sida adan mu,
sɛnea mubesi apini wɔ ɔyaw mu,
ɔyaw ɛte sɛ ɔbea a ɔreko awo de.
24 “Nokware, sɛ mete ase yi,” Awurade na ose, “Mpo sɛ wo Yehoiakin, Yudahene Yehoiakim babarima yɛ me nsa nifa so nsɔwano kaa a, anka mɛworɔw wo. 25 Mede wo bɛma wɔn a wɔrehwehwɛ wo kra, wɔn a wusuro wɔn no; Babiloniahene Nebukadnessar ne Babiloniafo. 26 Mɛpam wo ne ɛna a ɔwoo wo no akogu ɔman foforo so, baabi a ɛnyɛ hɔ na wɔwoo mo mu biara, hɔ na mo baanu bewuwu. 27 Morensan mma asase a mo kɔn dɔ sɛ mobɛsan aba so no so bio.”
28 Saa ɔbarima Yehoiakin yi yɛ asɛnka a abɔ
ade a obiara mpɛ ana?
Adɛn nti na wɔbɛpam ɔne ne mma,
akogu asase a wonnim so no so?
29 Ao, asase, asase, asase!
Tie Awurade asɛm!
30 Sɛɛ na Awurade se:
“Monkyerɛw ɔbarima yi ho asɛm nto hɔ te sɛ obi a onni ba,
ɔbarima a ɔrennya nkɔso ne nkwa nna nyinaa
na nʼasefo mu biara rennya nkɔso,
na wɔn mu biara rentena Dawid ahengua so
na wɔrenni Yuda so hene bio.”