20
Yeremia Ne Pashur
Bere a Imer a ɔyɛ Awurade asɔredan mu adwumayɛfo so panyin babarima ɔsɔfo Pashur tee sɛ Yeremia rehyɛ nkɔm fa saa nneɛma yi ho no, ɔma wɔboroo Yeremia, na wɔbɔɔ no dua mu wɔ Benyamin Atifi Pon a ɛwɔ Awurade asɔredan no mu hɔ no. Ade kyee a Pashur san no no, Yeremia ka kyerɛɛ no se, “Awurade din a ɔde ama wo no nyɛ Pashur na mmom Magormisabib. Na sɛɛ na Awurade se: ‘Mɛma wo ho ayɛ hu ama wʼankasa ne wo nnamfonom nyinaa, wʼankasa de wʼani behu sɛ wɔtotɔ wɔ wɔn atamfo mfoa ano. Mede Yuda nyinaa bɛma Babiloniahene na wasoa wɔn akɔ Babilonia anaasɛ ɔde afoa bekunkum wɔn. Mede kuropɔn yi ahode, nʼadwumayɛ so aba, ne nneɛma a ɛsom bo ne Yuda ahemfo nnwetɛbona nyinaa bɛma wɔn atamfo. Wɔbɛfa no sɛ asade akɔ Babilonia. Na wo Pashur, ne wo fifo nyinaa bɛkɔ nnommum mu wɔ Babilonia. Ɛhɔ na wo ne wo nnamfonom a wohyɛɛ wɔn akɔntoro no nyinaa bewuwu na wɔasie mo.’ ”
Yeremia Anwiinwii
Awurade, wodaadaa me na ɛbaa mu saa;
wudii me so na wutintim me so.
Wodii me ho fɛw da mu nyinaa;
na obiara serew me.
Bere biara a mɛkasa no, meteɛ mu,
pae mu ka akakabensɛm ne ɔsɛe.
Enti Awurade asɛm de ahohora ne nsopa
abrɛ me da mu nyinaa.
Sɛ meka se, “Meremmɔ ne din
anaa merenkasa wɔ ne din mu” a,
nʼasɛm te sɛ ogya wɔ me koma mu,
ogya a wɔde ahyɛ me nnompe mu,
mabrɛ ne ne kita
nokware, merentumi.
10 Mete asomsɛm bebree sɛ,
“Ehu wɔ baabiara!
Montoa no! Momma yɛnkɔtoa no!”
Me nnamfonom nyinaa
retwɛn sɛ mɛwatiri, na wɔka se,
“Ebia wɔbɛdaadaa no;
na yɛatumi no
atɔ ne so were.”
11 Nanso Awurade ka me ho sɛ dɔmbarima;
enti mʼataafo bɛwatiri na wɔrentumi.
Wobedi nkogu na wobegu wɔn anim ase pasaa;
wɔn werɛ remfi wɔn nsopa no da.
12 Asafo Awurade! Wo a wosɔ ɔtreneeni hwɛ
na wopɛɛpɛɛ koma ne adwene mu,
ma minhu wʼaweretɔ wɔ wɔn so,
efisɛ mede mʼasɛm dan wo.
 
13 Monto dwom mma Awurade!
Munyi Awurade ayɛ!
Ogye ohiani nkwa fi
amumɔyɛfo nsam.
 
14 Nnome nka da a wɔwoo me!
Nhyira mpare da a me na woo me.
15 Nnome nka onipa a ɔbɛbɔɔ mʼagya amanneɛ,
nea ɔmaa nʼani gyei, na ɔkae se,
“Wɔawo ɔbabarima ama wo!”
16 Ma saa onipa no nyɛ sɛ nkurow a
Awurade tu gui a wannya ahummɔbɔ no.
Ma ɔnte osu anɔpa,
ne akobɛn nnyigyei owigyinae.
17 Sɛ wankum me wɔ awotwaa mu
amma me na anyɛ ɔda amma me no nti,
nʼawotwaa yɛɛ kɛse afebɔɔ.
18 Adɛn koraa na mifii awotwaa mu pue
behuu ɔhaw ne awerɛhow
na mede aniwu rebewie me nkwa nna yi?