6
Yesu Ma Nnipa Mpem Anum Aduan
Eyi akyi no, Yesu kɔɔ tɔnn kotwaa Galilea Po, a ɛyɛ Tiberia Po no. Esiane sɛ nkurɔfo huu sɛ Yesu nam anwonwakwan so asa nnipa pii yare no nti, wodii nʼakyi. Yesu ne nʼasuafo no kɔɔ bepɔw bi so kɔtenaa hɔ kakra. Saa bere no na Twam Afahyɛ no abɛn.
Bere a Yesu twaa nʼani, huu sɛ nnipakuw no reba ne nkyɛn no, obisaa Filipo se, “Ɛhe na yebenya aduan ama saa nnipa dodow yi?” Yesu bisaa Filipo saa asɛm yi de sɔɔ no hwɛe, efisɛ na onim nea ɔbɛyɛ.
Filipo buae se, “Ansa na yebetumi ama saa nnipa dodow yi aduan no, ɛsɛ sɛ yenya asram awotwe akatua.”
Andrea a ɔyɛ Simon Petro nua no kae se, “Abarimaa bi wɔ ha a ɔwɔ brodo anum ne kyenam abien; na eyi betumi aso nnipa dodow yi di?”
10 Yesu hyɛɛ nʼasuafo no se, “Momma obiara ntena ase.” Asuafo no ma wɔtenatenaa sare no so. Na mmarima a wɔwɔ wɔn mu no dodow bɛyɛ mpem anum. 11 Yesu faa brodo no bɔɔ mpae na ɔkyɛ maa wɔn. Ɔfaa saa kwan koro no ara so kyɛɛ kyenam no nso maa wɔn.
12 Wodidi mee akyi no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mommoaboa aduan a aka no ano na bi ansɛe.” 13 Wɔboaboaa aduan a ɛkae no ano no, ɛyɛɛ nkɛntɛn dumien.
14 Nnipa no huu nsɛnkyerɛnne a Yesu ayɛ no, wɔkae se, “Ampa ara, onipa yi ne odiyifo a yɛrehwɛ no kwan no.” 15 Yesu huu sɛ nnipa no ayɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛkyere no asi no hene no, ɔtwee ne ho fii wɔn mu kɔɔ bepɔw no so bio.
Yesu Nantew Po So
16 Onwini dwoe no, Yesu asuafo no kɔɔ Galilea mpoano. 17 Wɔtwɛn kosii sɛ ade sae na ɔmma no, wɔkɔtenaa ɔkorow mu se wɔrekɔ Kapernaum. 18 Saa bere no na ahum retu wɔ po so ama po no ani afono. 19 Wɔhare kɔɔ wɔn anim bɛyɛ akwansin abiɛsa anaa anan no, wohuu sɛ obi nam po no so reba; eyi maa ehu kaa wɔn kosii sɛ, 20 Yesu kae se, “Ɛyɛ me, Munnsuro!” 21 Asuafo no pɛɛ sɛ anka wɔde no tena ɔkorow no mu, nanso ntɛm ara ɔkorow no koduu Kapernaum.
22 Ade kyee no, nnipa a na wɔwɔ Galilea po no agya no huu sɛ ɔkorow baako pɛ na na ɛwɔ hɔ, nanso asuafo no tenaa mu kɔe a na Yesu nka wɔn ho. 23 Ankyɛ koraa na akorow afoforo bi fi Tiberia baa faako a Awurade maa nnipakuw no aduan dii no. 24 Bere a nnipa no huu sɛ Yesu ne nʼasuafo no nni hɔ no, wɔtenatenaa akorow no mu sɛ wɔrekɔ Kapernaum akɔhwehwɛ no.
Yesu, Nkwa Aduan No
25 Woduu Kapernaum na wohuu Yesu no, wobisaa no se, “Kyerɛkyerɛfo, bere bɛn na wobaa ha?”
26 Yesu buaa wɔn se, “Mereka nokware akyerɛ mo se, ɛnyɛ sɛ muhuu anwonwade a meyɛe no nti na morehwehwɛ me, na mmom sɛ munyaa aduan di mee no nti. 27  Monnsɛe mo bere nyinaa mpere nhwehwɛ aduan a etumi sɛe no akyi kwan, na mmom mompere nhwehwɛ aduan a ɛtena hɔ daa a ɛma nkwa a enni awiei a Onipa Ba no de bɛma mo no akyi kwan. Efisɛ eyi nti na mʼAgya somaa me.”
28 Nnipa no bisaa no se, “Dɛn na yɛnyɛ na yɛasɔ Onyankopɔn ani?”
29 Yesu buaa wɔn se, “Eyi ne nea Onyankopɔn pɛ sɛ moyɛ, munnye nea wasoma no no nni.”
30 Nnipa no bisaa no bio se, “Anwonwade bɛn na wobɛyɛ akyerɛ yɛn ama yɛagye wo adi? 31 Sɛ wopɛ sɛ yegye wo di sɛ wone Agyenkwa no de a, ɛno de ma yɛn aduan nni daa sɛnea Kyerɛwsɛm no di ho adanse sɛ, Mose maa yɛn nenanom ɔsoro aduan dii wɔ sare no so.”
32 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mereka nokware akyerɛ mo se, ɛnyɛ Mose na ɔmaa mo nenanom aduan a efi ɔsoro no dii wɔ sare so hɔ no na mmom ɛyɛ mʼAgya. Na afei de, ɔma mo aduan a efi ɔsoro a ɛma nkwa a enni awiei no di daa. 33  Saa aduan a efi Onyankopɔn nkyɛn no ne onipa a ofi ɔsoro ba asase so na ɔde nkwa brɛ wiase no.”
34 Nnipa no ka kyerɛɛ no se, “Owura, ma yɛn saa aduan no bi nni daa.”
35 Yesu kae se, “Mene brodo a ɛma nkwa no. Obiara a ɔba me nkyɛn na ogye me di no, ɔkɔm anaa osukɔm renne no da. 36  Sɛnea maka akyerɛ mo no, moahu me nnwuma, nanso munnye me nni. 37  Obiara a mʼAgya de no ama me no bɛba me nkyɛn, na obiara a ɔbɛba me nkyɛn nso no, merempam no. 38  Na mifi ɔsoro baa asase so sɛ merebɛyɛ nea ɔsomaa me no apɛde, na ɛnyɛ mʼapɛde. 39  Na nea ɔsomaa me no apɛde ne sɛ mɛhwɛ wɔn a ɔde wɔn ama me no nyinaa so yiye na da a edi akyiri no, manyan wɔn ama wɔn nkwa foforo. 40  MʼAgya apɛde ne sɛ obiara a ɔba me nkyɛn na ogye me di no benya nkwa a enni awiei, na da a edi akyiri no manyan no ama no nkwa foforo.”
41 Yudafo no tee sɛ Yesu aka se, “Mene aduan a efi ɔsoro” no, wonwiinwii. 42 Wɔkɔɔ so kae se, “Ɛnyɛ Yosef ne Maria ba ne saa Yesu yi? Ɛyɛɛ dɛn na otumi ka se ofi ɔsoro na ɔbae?”
43 Yesu buaa wɔn se, “Munnyae anwiinwii no. 44  Mommma ɛnyɛ mo nwonwa sɛ maka saa, na obiara nni hɔ a obetumi aba me nkyɛn, gye sɛ Agya no a ɔsomaa me no twe no ba me ho, na da a edi akyiri no, menyan no. 45  Adiyifo no akyerɛw se, ‘Onyankopɔn ankasa bɛkyerɛkyerɛ ne mma.’ Ɛno nti, obiara a otie Agya no nkyerɛkyerɛ no ba me nkyɛn. 46  Asɛm a maka yi nkyerɛ sɛ obi ahu Agya no pɛn, gye onipa a ofi Agya no nkyɛn no. 47  Mereka nokwasɛm akyerɛ mo se, nea ogye di no nya nkwa a enni awiei. 48  Mene brodo a ɛma nkwa no. 49  Mo nenanom dii mana wɔ sare so nso wowuwui, 50  nanso brodo a efi ɔsoro ba no yɛ brodo a obi di a ɔrenwu da. 51  Mene brodo a efi ɔsoro no; sɛ obi di saa brodo yi a ɔbɛtena ase daa. Brodo a mede bɛma obiara a ɔba me nkyɛn no ne me honam a mede ma, sɛnea ɛbɛyɛ na wiase benya nkwa.”
52 Asɛm a Yesu kaa yi maa Yudafo no bo fuwii, ma wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Ɛbɛyɛ dɛn na saa onipa yi betumi de ne honam ama yɛn sɛ aduan ama yɛadi?”
53 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mereka nokwasɛm akyerɛ mo; moanni Onipa Ba no honam sɛ aduan na moannom ne mogya a, morennya nkwa a enni awiei. 54  Obiara a odi me honam sɛ aduan na ɔnom me mogya no nya nkwa a enni awiei, na da a edi akyiri no menyan no ama no nkwa foforo. 55  Me honam ne aduan pa no, na me mogya nso ne nsu pa no. 56  Obiara a odi me honam sɛ aduan na ɔnom me mogya sɛ nsu no te me mu, na me nso mete ne mu. 57  Sɛnea Agya teasefo no somaa me na ɔno nti mete ase no, saa ara nso na obiara a odi me honam sɛ aduan no, me nti ɔbɛtena ase. 58  Eyi ne brodo a efi ɔsoro bae. Ɛnte sɛ mana a yɛn nenanom dii wɔ sare so na wowuwui no. Saa brodo yi de, obiara a obedi bi no bɛtena ase daa.” 59 Bere a na Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ hyiadan mu wɔ Kapernaum no na ɔkaa saa nsɛm yi.
Yesu Akyidifo No Mu Pii Twe Wɔn Ho
60 Yesu akyidifo no mu pii tee asɛm a ɔkae no, wɔkae se, “Saa asɛm yi de, ɛkyerɛ yɛn adwene. Hena na ɔbɛte ase?”
61 Yesu huu sɛ nʼakyidifo no renwiinwii no, obisaa wɔn se, “Asɛm a mekae yi to mo hintidua ana? 62  Ɛno de ɛba sɛ Onipa Ba no resan akɔ ɔsoro, faako a ofi bae no a, dɛn na mobɛyɛ? 63  Onyankopɔn honhom na ɛma nkwa. Onipa ntumi mma nkwa. Nsɛm a maka akyerɛ mo yi yɛ honhom na nkwa wɔ mu, 64  nanso mo mu bi nnye nni.” Efi mfiase no na Yesu huu wɔn a wonnye no nni ne wɔn a wɔbɛtwe wɔn ho afi ne ho no. 65 Ɔkɔɔ so kae se, “Eyi nti na meka kyerɛɛ mo se obi ntumi mma me nkyɛn gye sɛ Agya no ama no ho kwan” no.
66 Esiane saa nsɛm a Yesu kae no nti, nʼakyidifo no mu pii twee wɔn ho fii ne ho na wɔanni nʼakyi bio.
67 Yesu huu saa no, obisaa asuafo dumien no se, “Mo nso mubegyae mʼakyidi ana?”
68 Simon Petro buaa no se, “Awurade, hena nkyɛn na yɛbɛkɔ? Wo na wowɔ nsɛm a ɛwɔ nkwa a enni awiei. 69 Na yegye wo nsɛm no di na yenim sɛ wone Onyankopɔn Ba Kronkron no.”
70 Yesu kɔɔ so kae sɛ, “Me ara na miyii mo dumien yi, nanso mo mu baako yɛ ɔbonsam.” 71 Asɛm a Yesu kae no, na ɛfa Yuda a ɔyɛ Simon Iskariot ba no a ɔyɛ asuafo dumien no mu baako a obeyi Yesu ama no ho.