21
Yesu Yi Ne Ho Adi Bio
Akyiri no Yesu yii ne ho adi bio wɔ Tiberia Po ho kyerɛɛ nʼasuafo no mu bi. Ɔkwan a ɔfaa so yii ne ho adi kyerɛɛ wɔn no ni: Saa bere no na Simon Petro ne Toma (a wɔfrɛ no Ata), ne Natanael a ofi Kana a ɛwɔ Galilea ne Sebedeo mma ne Yesu asuafo no mu baanu na na wɔwɔ faako. Wɔwɔ hɔ no, Petro ka kyerɛɛ wɔn a wɔaka no se, “Merekoyi nam.” Wɔn a na wɔka ne ho no ka kyerɛɛ no se, “Yɛne wo bɛkɔ.” Wɔn nyinaa kɔtenaa ɔkorow mu, nanso saa anadwo no wɔanyi nam biara.
Ade kyee anɔpa a anim retetew no, Yesu begyinaa mpoano hɔ, nanso na asuafo no nnim sɛ ɛyɛ ɔno.
Ɔfrɛɛ asuafo no bisaa wɔn se, “Anuanom, moayi nam bi ana?”
Wobuae se, “Dabi.”
Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Mungu mo asau no wɔ nifa fam na mubeyi nam.” Woguu asau no sɛnea ɔkae no. Nam yɛɛ asau no ma sɛɛ tɔ a na wɔtwe a ɛntwe.
Afei osuani a Yesu dɔ no no ka kyerɛɛ Petro se, “Ɛyɛ Awurade.” Bere a Simon Petro tee sɛ ɛyɛ Awurade no ɔhyɛɛ nʼatade, (efisɛ na waworɔw) huruw tɔɔ asu no mu guare kɔɔ mpoano hɔ. Asuafo a wɔaka no tenaa ɔkorow no mu baa mpoano hɔ bi. Wɔreba no na wɔretwe asau a na nam ahyɛ no ma sɛɛ tɔ. Ɔkwan a efi faako a wɔwɔ wɔ po no so ba mpoano hɔ no bɛyɛ mita ɔha. Woduu mpoano hɔ no wohuu sɛ obi asɔ ogya retoto nam na brodo bi nso gu nkyɛn.
10 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Momfa nam a moayi no bi mmra.” 11 Simon Petro foro kɔɔ ɔkorow no mu kɔtwee asau a na nam akɛse bɛyɛ ɔha aduonum abiɛsa wɔ mu no baa mpoano hɔ. Ɛwɔ mu sɛ na nam ayɛ asau no ma de, nanso antetew. 12 Yesu frɛɛ wɔn se, “Mummedidi.” Asuafo no mu biara ammisa no onipa ko a ɔyɛ efisɛ na wonim sɛ ɛyɛ Awurade. 13 Yesu faa brodo no kyekyɛ maa wɔn. Eyi akyi no, ɔkyɛɛ nam no nso maa wɔn. 14 Eyi ne ne mprɛnsa so a Yesu sɔre fii awufo mu no, oyii ne ho adi kyerɛɛ nʼasuafo no.
Petro Kyerɛ Ne Dɔ
15 Wodidi wiei no, Yesu bisaa Simon Petro se, “Yohane ba Simon, wodɔ me sen sɛnea eyinom dɔ me no ana?”
Petro buae se, “Yiw, Awurade, wunim sɛ medɔ wo.”
Yesu ka kyerɛɛ no se, “Yɛn me nguamma.”
16 Yesu san bisaa no se, “Yohane ba Simon, wodɔ me ana?”
Petro san buae se, “Yiw, Awurade, wunim sɛ medɔ wo.”
Yesu san ka kyerɛɛ no se, “Hwɛ me nguan.”
17 Yesu bisaa no ne mprɛnsa so se, “Yohane ba Simon, ampa ara sɛ wodɔ me?”
Asɛm yi yɛɛ Petro awerɛhow sɛ Yesu abisa no saa asɛm koro no ara mprɛnsa. Enti ɔka kyerɛɛ Yesu se, “Awurade, wunim biribiara, na wunim nso sɛ medɔ wo!”
Yesu ka kyerɛɛ no se, “Yɛn me nguan. 18  Meka nokware akyerɛ wo. Woyɛ aberante no, na wutumi siesie wo ho kɔ baabiara a wopɛ, na woyɛ nea wopɛ biara nso. Nanso sɛ wobɔ akwakoraa a, wobɛteɛ wo nsam na obi asiesie wo ho ama wo, de wo akɔ baabi a anka wompɛ sɛ wokɔ.” 19 Asɛm a Yesu kaa no de kyerɛɛ owu ko a Petro bewu de ahyɛ Onyankopɔn anuonyam. Yesu ka kyerɛɛ Petro se, “Di mʼakyi.”
20 Petro twaa nʼani hwɛɛ nʼakyi huu sɛ osuani a Yesu dɔ no no di wɔn akyi. Saa osuani yi ne obi a wɔredidi no, otwiw bɛn Yesu bisaa no se, “Awurade, hena na obeyi wo ama?” no. 21 Petro huu saa osuani no, obisaa Yesu se, “Awurade, na oyi nso dɛn na ɛbɛto no?”
22 Yesu buaa no se, “Sɛ mepɛ sɛ ɔtena hɔ kosi sɛ mɛsan aba a, ɛfa wo ho bɛn? Wo de, di mʼakyi.” 23 Asɛm a Yesu ka faa saa osuani yi ho no maa Yesu akyidifo no mu pii susuw sɛ, saa osuani no renwu da. Nanso na ɛnyɛ nea Yesu hwehwɛ akyerɛ ne no, bere a ɔkae se, “Sɛ mepɛ sɛ ɔtena hɔ kosi sɛ mɛsan aba a, ɛfa wo ho bɛn?”
24 Saa osuani yi ne onipa a odi eyinom nyinaa ho adanse na ɔkyerɛw nso. Yenim sɛ nʼadansedi no yɛ nokware.
25 Nneɛma bebree wɔ hɔ nso a Yesu yɛe a wɔankyerɛw, na sɛ wɔkyerɛw no mmaako mmaako a, anka migye di sɛ ɛrensen wiase.