16
Awerɛhow Ne Anigye Wɔ Yɛn Anim
“Mereka eyinom nyinaa akyerɛ mo na moatumi agyina pintinn. Wɔbɛpam mo afi wɔn asɔredan mu. Na bere bi bɛba a obiara a obekum mo no besusuw sɛ, sɛ ɔyɛ saa a na ɔresom Onyankopɔn. Wɔde saa nneɛma yi bɛyɛ mo, efisɛ wonnim Agya no na me nso wonnim me. Nanso mereka eyi akyerɛ mo, sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ bere no du a, mobɛkae nea meka kyerɛɛ mo no. Mfiase no manka eyi ankyerɛ mo, efisɛ na meka mo ho.”
Honhom Kronkron Dwumadi
“Afei de, merekɔ nea ɔsomaa me no nkyɛn. Nanso mo mu biara mmisaa me se, ‘Ɛhe na worekɔ?’ Nea maka akyerɛ mo yi ama mo werɛ ahow. Nanso meka nokware kyerɛ mo; eye ma mo sɛ mɛkɔ, efisɛ sɛ mankɔ a ɔboafo no remma mo nkyɛn, nanso sɛ mekɔ a mɛsoma no aba mo nkyɛn. Na sɛ ɔba a, ɔbɛma wiasefo ahu wɔn bɔne ne nea ɛyɛ trenee ne Onyankopɔn atemmu. Nea wɔka fa bɔne ho no nyɛ nokware, efisɛ wonnye me nni. 10  Nea wɔka fa trenee ho no nyɛ nokware, efisɛ merekɔ Agya no nkyɛn na morenhu me bio. 11  Saa ara na nea wɔka fa atemmu ho no nso nyɛ nokware, efisɛ wɔabu wiase yi temmufo no atɛn dedaw.
12  “Mewɔ nsɛm pii ka kyerɛ mo, nanso mprempren de, morentumi nte ase. 13  Sɛ nokware Honhom no ba a, ɔbɛma moahu nokware no nyinaa. Ɔrenkasa mma ne ho, na mmom nea ɔte no na ɔbɛka, na ɔbɛka nneɛma a ɛbɛba no ho nsɛm akyerɛ mo. 14  Ɔbɛhyɛ me anuonyam, efisɛ obetie asɛm biara a meka no na wabɛka akyerɛ mo. 15  Biribiara a mʼAgya wɔ no yɛ me dea. Ɛno nti na mekae se Honhom no betie biribiara a meka kyerɛ no na wabɛka akyerɛ mo no.”
Asuafo No Awerɛhow Bɛdan Anigye
16  “Aka kakraa bi morenhu me, nanso ɛno akyi no ɛrenkyɛ koraa, mubehu me bio.”
17 Asuafo no bi bisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Eyi ase ne dɛn? Ɔreka akyerɛ yɛn se, ‘Aka kakraa bi morenhu me nanso ɛno akyi no, ɛrenkyɛ koraa na moasan ahu me.’ Ɔsan kaa bio se, ‘Efisɛ merekɔ Agya no nkyɛn.’ ” 18 Wɔsan bisaa bio se, “Saa asɛm, ‘aka kakra’ yi ase ne dɛn? Yɛnte nea ɔreka yi ase.”
19 Yesu huu sɛ wɔpɛ sɛ wobisa no asɛm a ɔkae no ase no nti ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Mekae se, ‘aka kakraa bi morenhu me, nanso ɛno akyi no, ɛrenkyɛ koraa mubehu me bio.’ Eyi ne asɛm a monte ase a enti morebisabisa mo ho mo ho yi? 20  Mereka nokware akyerɛ mo; mo werɛ bɛhow na moasu, nanso wiasefo ani begye. Mubedi awerɛhow nanso mo awerɛhow no bɛdan anigye. 21  Sɛ ɔbea rebɛwo a, ne werɛ how, efisɛ nʼamanehunu bere adu so, nanso sɛ onya wo a ne werɛ fi ne yaw, efisɛ nʼani gye sɛ wawo onipa aba wiase. 22  Saa ara na ɛte wɔ mo ho. Mprempren yɛ mo awerɛhow bere, nanso mehu mo bio ama mo ani agye na obi rentumi nnye saa anigye no mfi mo nsam. 23  Sɛ saa da no du a moremmisa me biribiara. Mereka nokware akyerɛ mo, Agya no de biribiara a mode me din bebisa no bɛma mo. 24  Ebesi saa bere yi momfaa me din mmisaa biribiara da. Mummisa na wɔde bɛma mo na mo anigye awie pɛyɛ.
Wiase So Nkonimdi
25  “Menam mmebu mu na maka eyinom akyerɛ mo. Nanso bere bi bɛba a merenkasa wɔ mmebu mu bio, na mmom mɛka biribiara a ɛfa Agya no ho no pefee akyerɛ mo. 26  Sɛ saa da no du a mode me din bebisa no biribiara a ɛho hia mo. Menka se me na mebisa Agya no ama mo, 27  efisɛ Agya no ankasa dɔ mo. Ɔdɔ mo, efisɛ modɔ me na moagye adi sɛ mifi Onyankopɔn nkyɛn na mebae. 28  Mifi Agya no nkyɛn na mebaa wiase; na afei merefi wiase akɔ Agya no nkyɛn.”
29 Nʼasuafo no ka kyerɛɛ no se, “Afei de, wokasa pefee ma yɛte wo ase. 30 Yɛahu sɛ wunim biribiara; ɛho nhia sɛ obi bisa wo nsɛm. Eyi ama yɛagye adi sɛ wufi Onyankopɔn nkyɛn.”
31 Yesu buaa wɔn se. “Afei de, mugye di ana? 32  Bere bi rebedu; na mpo adu dedaw a mo nyinaa bɛbɔ ahwete na obiara akɔ nʼankasa fi na aka me nko. Nanso ɛrenka me nko efisɛ Agya no ka me ho.
33  “Maka eyinom akyerɛ mo na moanya asomdwoe wɔ me mu. Mubehu amane wɔ wiase. Nanso munnyina pintinn! Madi wiase so nkonim!”