2
Yona wɔ apataa no yam no, ɔbɔɔ Awurade ne Nyankopɔn mpae se,
“Mʼahohia mu mefrɛɛ Awurade,
na ogyee me so.
Mifi ɔda ase tɔnn srɛɛ mmoa
na wutiee me sufrɛ.
Wotow me kyenee bun mu
wɔ po ase tɔnn,
na ɔhweam twaa me ho hyiae;
wʼasorɔkye ne mframa
bu faa me so.
Na mekae se, ‘Woapam me afi wʼanim;
nanso mede mʼani bɛkyerɛ
wʼasɔredan kronkron no bio’
Nsu a abu afa me so no bɔɔ me hu,
bun no twaa me ho hyiae;
po mu nwura kyekyeree me ti ho.
Memem kɔɔ mmepɔw no ase pɛɛ;
asase ase kaa me hyɛɛ mu afebɔɔ.
Nanso wugyee me nkwa fii amoa mu,
Awurade, me Nyankopɔn.
 
“Bere a me nkwa resen akɔ no,
mekaee wo Awurade,
na me mpaebɔ foro baa wo nkyɛn,
wɔ wʼasɔredan kronkron no mu.
 
“Wɔn a wɔde wɔn ho bata ahoni huhuw ho no
hwere adom a anka ɛyɛ wɔn de.
Nanso me, mede ayeyi nnwom
bɛbɔ afɔre ama wo.
Nea mahyɛ ho bɔ no, mɛyɛ.
Nkwagye fi Awurade.”
10 Na afei, Awurade hyɛɛ apataa no ma ɔfee Yona too asase so.