9
Na apam a edi kan* no wɔ mmara a wɔnam so som. Saa ara nso na na wɔwɔ baabi a nnipa asiesie a wɔsom. Wosii ntamadan a wɔatwa mu abien. Ɔdan a edi kan no a wɔfrɛ no Kronkronbea no na kaneadua, ɔpon ne brodo a wɔatew ho a wɔde ma Onyankopɔn no wɔ. Ntwamu no akyi a wɔfrɛ hɔ Kronkron mu Kronkron no, na sika aduhuamyɛfo afɔremuka ne Apam Adaka a wɔde sika adura ho nyinaa wɔ. Saa adaka no mu na na sika pɔre a mana ne Aaron pema a ɛfefɛwee ne apam bopon no wɔ. Adaka no so hɔ nso na anuonyam Kerubim a wɔatrɛw wɔn ntaban mu akata adaka no nkataso no so si. Nanso yɛrentumi nka nneɛma yi ho asɛm nkɔ akyiri mprempren.
Saa na wɔahyehyɛ nneɛma no. Da biara na asɔfo no kɔ ɔdan a edi kan no mu kɔyɛ wɔn adwuma; nanso na Ɔsɔfopanyin no nko ara na ɔwɔ ho kwan sɛ ɔkɔ Kronkron mu Kronkron hɔ pɛnkoro pɛ afe biara. Ɔde mogya a ɔde bɔ ɔno ankasa ne ne nkurɔfo mfomso ho afɔre ka ne ho kɔ. Honhom Kronkron no nam saa ɔkwan yi so kyerɛ yɛn sɛ, wonnya mmuee ɔkwan a wɔde kɔ Kronkron mu Kronkron hɔ wɔ bere a Ntamadan no ne mu nneɛma da so wɔ hɔ. Ɛyɛ mfonitwa ma nnɛ bere yi. Ɛkyerɛ sɛ akyɛde ne mmoa a na wɔde bɔ afɔre ma Onyankopɔn no rentumi mma wɔn a wɔsom no koma mu nyɛ kronkron. 10 Wɔde nnuan, anonne ne nneɛma ahorow a wɔde dwira wɔn ho na edi dwuma no. Eyi yɛ ɔhonam fam nhyehyɛe a ɛyɛ adwuma kosi bere a nhyehyɛe foforo bɛba.
11 Nanso Kristo aba dedaw sɛ Ɔsɔfopanyin ama nneɛma pa a yɛwɔ dedaw yi. Ntamadan a ɔsom wɔ mu no so, na edi mu kyɛn dedaw no. Ɛnyɛ nnipa na wɔyɛe. Afei nso emfi adebɔ yi mu. 12 Bere a Kristo kɔɔ ntamadan no mu a ɔkɔɔ Kronkronbea hɔ pɛnkoro no, wamfa mmirekyi ne anantwi mogya na ɛkɔbɔɔ afɔre. Mmom, ɔno ara de ne mogya na ɛbɔɔ afɔre de gyee nkwa a enni awiei maa yɛn.
Nhyehyɛe Foforo No
13 Na sɛ mmirekyi ne anantwinini mogya ne anantwibere nsõ a wɔde dwira wɔn a wɔn ho agu fi tew wɔn ho kɔ ɔhonam ahofi mu a, 14 mpɛn ahe na Kristo a ɔnam Honhom so, de ne ho bɔɔ afɔre a ɛho nni dɛm maa Onyankopɔn no mogya rentew mo ho mfi nnwuma bɔne mu, na monkɔsom Onyankopɔn a ɔte ase no ana?
15 Eyi nti na Kristo yɛ apam foforo no ntamgyinafo sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a Onyankopɔn afrɛ wɔn no benya nhyira a enni awiei sɛnea Onyankopɔn ahyɛ bɔ no. Eyi aba saa, efisɛ owu bi asi a egye nnipa fi wɔn bɔne a wɔyɛɛ bere a na wɔwɔ apam a edi kan no mu no mu.
16 Sɛ nsamansew bi wɔ hɔ a, ɛsɛ sɛ wotumi kyerɛ sɛ onipa a ɔhyɛɛ saa nsamansew no awu. 17 Sɛ onipa a ɔhyɛɛ nsamansew no te ase a, saa nsamansew no nka hwee. Bere a wawu no na ɛka biribi. 18 Ɛno nti na apam a edi kan no wɔnam mogya so na wɔhyɛɛ no den no. 19 Nea edi kan no, Mose kaa mmaransɛm no nyinaa, sɛnea ɛwɔ mmara no mu no kyerɛɛ nnipa no. Nantwi mma mogya ne nsu ne kuntu kɔkɔɔ ne sommɛ na ɔde petee nwoma mmobɔwee no ne nnipa no nyinaa so 20 kae se, “Eyi ne mogya a ɛsɔw apam a Onyankopɔn ahyɛ mo sɛ munni so no ano.” 21 Saa ara na Mose petee mogya guu ntamadan no ne nneɛma a wɔde som no nyinaa so ne no. 22 Nokware, sɛnea mmara no kyerɛ no, ɛkame ayɛ sɛ mogya na etumi tew ade nyinaa ho, na saa ara nso na gye sɛ mogya ahwie agu ansa na bɔnefakyɛ aba.
23 Saa ɔkwan yi ara so na wɔnam ma biribiara a ɛyɛ ɔsoro nhwɛsode no ho tew. Nanso, ɔsoro nneɛma no ankasa de, afɔre a eye kyɛn eyinom na wɔde tew ho. 24 Efisɛ Kristo ankɔ kronkronbea a nnipa de wɔn nsa na ayɛ a ɛyɛ ade kann ho nhwɛso no hɔ. Ɔkɔɔ ɔsoro ankasa na osi yɛn anan mu wɔ Onyankopɔn anim hɔ. 25 Afe biara Yudafo Sɔfopanyin de aboa mogya kɔ Kronkronbea hɔ. Nanso Kristo amfa ne ho amma mpɛn bebree saa. 26 Sɛ ɔyɛɛ saa a, anka efi adebɔ mfiase no, obehu amane mpɛn bebree. Mmom, waba prɛko a nneɛma nyinaa reba awiei, na ɔnam afɔre a ɔde ne ho bɔe no so apepa bɔne. 27 Ɛsɛ sɛ obiara wu prɛko pɛ, na ɛno akyi Onyankopɔn abu no atɛn. 28 Saa ara na wɔde Kristo nso bɔɔ afɔre baako pɛ de gyee dodow no ara wɔ wɔn bɔne mu. Ɔbɛba ne mprenu so a ɔremmegye nnebɔneyɛfo na mmom, ɔbɛba abegye wɔn a wɔretwɛn no no nkwa.
* 9:1 Apam a wɔyɛɛ wɔ Sinai no (8.3) 9:23 (8.5) Sɛnea na ɛho hia sɛ wɔde mmoa tew kronkron ho no, saa ara ne na ɛho hia sɛ ɔsoro kronkron nso, wɔde afɔre a ɛkyɛn mmoa de a ɛyɛ Yesu Kristo no ankasa no tew ho.