7
Ɔkɛse Melkisedek
Na saa Melkisedek yi yɛ Salemhene, na ɔsan yɛ Ɔsorosoro Nyankopɔn sɔfo. Bere a Abraham fi ɔko a okum ahemfo ano reba no, Melkisedek hyiaa no hyiraa no. Abraham maa no nʼasade no mu nkyɛmu du mu baako. Melkisedek din no nkyerɛase a edi kan no ne Trenee Hene. Esiane sɛ na ɔyɛ Salem hene no nti, wɔkyerɛɛ ne din no ase sɛ Asomdwoe hene. Obi nnim Melkisedek agya, ne na, ne ne mpanyimfo ho asɛm. Saa ara na obi nnim nʼawo ne ne wu nso ho asɛm. Ɔsɛ Onyankopɔn Ba, na ɔda so yɛ ɔsɔfo daadaa.
Eyi di ho adanse sɛ na ɔyɛ onipa kɛse a Agya Abraham mpo tumi ma no nʼasade mu nkyɛmu du mu baako. Nanso Lewi asefo a wɔyɛ asɔfo no Mmara na ɛhyɛ wɔn sɛ wonnye nkyɛmu du mu baako mfi wɔn ara wɔn nkurɔfo Israelfo a wɔn nso yɛ Abraham asefo no nkyɛn. Melkisedek nyɛ Lewi aseni, nanso ogyee nkyɛmu du mu baako fii Abraham nkyɛn hyiraa no ma onyaa Onyankopɔn bɔhyɛ no. Akyinnye biara nni ho sɛ nea ɔma nhyira so sen nea ogye nhyira. Wɔde nnipa akatua nkyɛmu du mu baako ma asɔfo a wowu, gye Melkisedek a Kyerɛwsɛm no ka se ɔte ase. Enti nokware, Abraham tuaa nkyɛmu du no, Lewi a nʼasefo gye nkyɛmu du no nso nam Abraham so tuaa bi maa Melkisedek. 10 Na wɔnwoo Lewi ɛ, nanso esiane sɛ na ɔhyɛ ne nena Abraham mu saa bere no a Melkisedek hyiaa no no nti na otuae.
11 Esiane Lewi asɔfodi nti na wɔde Mmara no maa Israelfo. Ɛno nti sɛ Lewifo asɔfodi no tumi de pɛyɛ brɛ nnipa a, anka ho nhia sɛ wɔbɛfa ɔsɔfo foforo bi sɛ Melkisedek a omfi Aaron abusua mu. 12 Sɛ ɛba sɛ asɔfodi no sesa a, ɛma ho mmara no nso sesa. 13 Nanso yɛn Awurade a wɔka saa asɛm yi nyinaa fa ne ho no fi abusua foforo mu. Ne busuani biara nnii ɔsɔfo wɔ afɔremuka ho da. 14 Ɛyɛ sɛnnahɔ sɛ wɔwoo no too Yuda abusua mu, na Mose kaa asɔfo ho asɛm no nso, wammɔ nʼabusua din da. 15 Asɛm no da ne ho adi pefee, efisɛ ɔsɔfo foforo bi aba a ɔte sɛ Melkisedek. 16 Ɔno de, ɛnnam onipa mmara so na wɔhyɛɛ no ɔsɔfo, na mmom wɔnam nkwa a enni awiei tumi so na ɛyɛɛ no ɔsɔfo. 17 Kyerɛwsɛm no ka se,
“Wobɛyɛ ɔsɔfo akosi daa
sɛnea Melkisedek asɔfokwan nhyehyɛe te no.”
18 Wɔatow mmara dedaw no akyene, efisɛ sintɔ bi wɔ mmara no mu, na so nni mfaso nso, 19 efisɛ Mose Mmara no antumi amma biribiara anni mu, na wɔde anidaso pa bi a yɛnam so bɛn Onyankopɔn aba.
20 Na wɔanyɛ a ntanka nka ho. Bere a ɔhyɛɛ Aaron asefo asɔfo no, na ntam a ɛte saa nni hɔ. 21 Yesu de, ɔnam ntam so bɛyɛɛ ɔsɔfo bere a Onyankopɔn ka kyerɛɛ no se,
“Awurade aka ntam;
na ɔrensesa nʼadwene a ese,
‘Wobɛyɛ ɔsɔfo daa nyinaa no.’ ”
22 Saa ntam yi nti, Yesu gyina mu ma yɛn, na ɛma yɛne Onyankopɔn apam no di mu.
23 Nsonoe foforo bi nso wɔ hɔ. Na saa asɔfo no dɔɔso, efisɛ na wowuwu a wontumi ntoa wɔn adwuma so. 24 Nanso esiane sɛ Yesu wɔ hɔ daa no nti, ɔwɔ asɔfodi a ɛtena hɔ daa. 25 Enti otumi gye wɔn a wɔnam ne so ba Onyankopɔn nkyɛn no nnɛ ne daa, efisɛ, ɔte hɔ daa srɛ Onyankopɔn ma wɔn.
26 Yesu ne Ɔsɔfopanyin a ɔboa yɛn wɔ yɛn ahiasɛm mu. Ɔyɛ kronkron. Onni mfomso biara wɔ ne mu, na ɔnyɛ bɔne. Wɔatew no afi nnebɔneyɛfo ho na wɔama no so aboro ɔsoro so. 27 Ɔnte sɛ asɔfo mpanyin a wɔaka no a, daa afɔre a wɔbɔ no kan no wɔbɔ wɔ wɔn bɔne a wayɛ ho ansa na afei, wabɔ afoforo de no. Ɔbɔɔ afɔre baako pɛ a ɔde ne ho na ɛbɔe. 28 Mose Mmara no yi nnipa a wɔmfata sɛ wɔyɛ asɔfo mpanyin, nanso Onyankopɔn bɔ a ɔde ntam kaa ho no a ɛbaa wɔ Mmara no akyi no yii Ɔba no a ɔyɛ pɛ daa nyinaa no.