2
Kristo Kaa Owu Hwɛ Maa Yɛn Nyinaa
Eyi nti na ɛsɛ sɛ yeso nokware a yɛate no mu dennen, sɛnea ɛbɛyɛ a biribi rentu yɛn aso. Nsɛm a abɔfo no kae no yɛ nokware, enti obiara a wanni so no nyaa asotwe a ɛfata no. Na sɛ yɛantie saa nkwagye yi a, ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi aguan? Awurade no ankasa na odii kan kaa saa nkwagye yi ho asɛm na wɔn a wotiee no no ama yɛahu sɛ ɛyɛ nokware. Saa bere koro no ara mu na Onyankopɔn nam ne nsɛnkyerɛnne ne nʼanwonwadwuma so dii ho adanse. Bio, ɔkyɛɛ Honhom Kronkron no sɛnea ɔpɛ.
Onyankopɔn amma abɔfo anni wiase a na wayɛ nʼadwene sɛ ɔrebɛbɔ no so; saa wiase a yɛka ho asɛm no. Na mmom wɔaka wɔ Kyerɛwsɛm no mu baabi se,
“Onipa ne hena a wokae no;
na onipa ba nso ne hena a wʼani ku ne ho?
Wobɔɔ no ma ɔyɛɛ akumaa kakra sen abɔfo;
na wode wʼanuonyam ne nidi abɔ no abotiri,
sɛ onni nneɛma nyinaa so.”
Ɛka se Onyankopɔn bɔɔ onipa sɛ, “Nneɛma nyinaa sodifo,” eyi da no adi sɛ biribiara ka ho. Nanso yenhu sɛ mprempren onipa di nneɛma nyinaa so. Nanso yehu Yesu! Mmere tiaa bi, wɔbɔɔ no hyɛɛ abɔfo ase sɛnea ɛbɛyɛ a esiane Onyankopɔn ahummɔbɔ nti ɛsɛ sɛ owu ma nnipa nyinaa no. Yehu no sɛ esiane owu a owui no nti, wɔahyɛ no anuonyam.
10 Eye sɛ Onyankopɔn a ɔbɔɔ nneɛma nyinaa na ɔhwɛ so no bɛma Yesu afa nʼamanehunu no mu ayɛ pɛ sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛma ne mma nyinaa akɔ saa anuonyam no mu bi. Efisɛ Yesu no nko ara ne Onipa a obedi wɔn anim akɔ nkwagye no mu. 11 Ɔma nnipa yɛ kronkron fi wɔn bɔne mu. Na ɔne wɔn a wayɛ wɔn kronkron no nyinaa wɔ Agya baako. Ɛno nti na Yesu mfɛre sɛ ɔfrɛ wɔn anuanom no. 12 Ɔka se,
“Mɛka wo ho asɛm akyerɛ me nuanom,
mɛkamfo wo wɔ wɔn a wɔahyia hɔ no nyinaa anim.”
13 Ɔsan ka bio se,
“Mede me ho bɛto Onyankopɔn so.”
Na ɔno nso ka se,
“Mma a Onyankopɔn de wɔn ama me no ni.”
14 Esiane sɛ mma no wɔ ɔhonam ne mogya nti, Yesu nso baa onipa tebea mu sɛnea ɛbɛyɛ a ɔnam ne wu no so bɛsɛe ɔbonsam a okura owu tumi no ahoɔden. 15 Na ɔnam so agye wɔn a esiane sɛ wosuro owu nti, wɔayɛ akoa wɔ wɔn asetena nyinaa mu no. 16 Ɛyɛ nokware turodoo sɛ ɛnyɛ abɔfo na ɔboa wɔn. Na mmom sɛnea Kyerɛwsɛm no ka no, “Ɔboa Abraham asefo.”* 17 Eyi kyerɛ sɛ ɔkwan biara so no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ sɛ ne nuanom, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛyɛ wɔn Sɔfopanyin nokwafo ne mmɔborɔhunufo wɔ Onyankopɔn som mu, na anam so ma wɔde nnipa bɔne akyɛ wɔn. 18 Enti afei, obetumi aboa wɔn a wɔasɔ wɔn ahwɛ no, efisɛ wɔsɔɔ ɔno ankasa hwɛe, ma ohuu amane.
* 2:16 Kristo begyee Abraham asefo a wɔwɔ gyidi sɛ Abraham no. (1 Mose 12.2-3)