13
Mmara Ne Nkradi
Monnodɔ mo ho mo ho sɛ anuanom wɔ Kristo mu. Monkae na munnye ahɔho wɔ mo afi mu. Ebinom yɛɛ saa nam so gyee abɔfo a na wonnim. Monkae wɔn a wɔda afiase na momfa no sɛ mo ne wɔn na ɛda hɔ. Monkae wɔn a wɔrehu amane na momfa no sɛ mo ne wɔn na wɔrehu saa amane no.
Mo nyinaa nni aware ni, na okununom ne ɔyerenom nni wɔn ho wɔn ho nokware, efisɛ Onyankopɔn bebu nguamanfo ne aguamammɔ atɛn. Munyi sikanibere mfi mo abrabɔ mu, na momma mo ani nsɔ nea mo nsa ka. Efisɛ Onyankopɔn aka se,
“Merennyaw wo,
na merempo wo da.”
Momma yensi yɛn bo nka se,
“Awurade ne me boafo, enti merensuro.
Dɛn na onipa betumi ayɛ me?”
Monkae mo mpanyimfo a wodii mo anim a wɔkaa Onyankopɔn asɛm kyerɛɛ mo no. Monkae ɔkwan a wɔfaa so tenaa ase na munsua wɔn gyidi no. Yesu Kristo te saa ara nnɛra, nnɛ ne daa nyinaa.
Mommma nkyerɛkyerɛ foforo biara nntwe mo mmfi ɔkwan pa so. Eye sɛ Onyankopɔn adom nti, yɛn kra benyin ahoɔden so a emfi aduan ho mmara a yedi so no. Wɔn a wodi mmara a ɛte saa so no nnya mmoa biara. 10 Nanso yɛwɔ afɔremuka bi a Asɔfo a wɔsom wɔ Ahyiae Ntamadan mu no mpo nni ho kwan sɛ wodidi so.
11 Yudafo Sɔfopanyin de mmoa mogya ba Kronkron mu Kronkron hɔ de bɛbɔ bɔne afɔre nanso wɔhyew mmoa no funu wɔ beae no akyi baabi. 12 Eyi nti, Yesu nso wuu wɔ kurow no pon akyi, sɛnea ɛbɛyɛ a ne mogya bɛma nnipa ayɛ akronkron. 13 Enti momma yɛnkɔ ne nkyɛn wɔ beae no akyi nkogye animguase no bi. 14 Efisɛ yenni atenae a ɛwɔ hɔ daa wɔ asase yi so. Yɛrehwehwɛ kurow a ɛrebɛba no akyi kwan.
15 Momma yɛmfa Yesu so mfa yɛn anofafa nkamfo Onyankopɔn din daa sɛ yɛn afɔrebɔde. 16 Mommma mo werɛ mmfi sɛ mobɛyɛ mo ho mo ho papa aboaboa mo ho mo ho, efisɛ ɛno ne afɔrebɔ a ɛsɔ Onyankopɔn ani.
17 Muntie mo mpanyimfo na munni wɔn asɛm so. Esiane sɛ ɛsɛ sɛ wobu wɔn adwuma ho akontaa nti, wɔhwɛ mo kra so a wɔnhome koraa. Sɛ mutie wɔn a, wɔde anigye bɛyɛ wɔn adwuma. Sɛ anyɛ saa a wɔde awerɛhow bɛyɛ adwuma no na ɛremmoa mo.
18 Monkɔ so mmɔ mpae mma yɛn. Yenim pefee sɛ yɛwɔ adwene a emu da hɔ, efisɛ yɛpɛ sɛ bere biara yɛyɛ ade a eye. 19 Na mebɔ mpae kɔ so srɛ mo sɛ, mommɔ mpae na Onyankopɔn mfa me mmrɛ mo nnansa yi ara.
20 Onyankopɔn anyan yɛn Awurade Yesu a ɔyɛ oguanhwɛfo panyin no afi awufo mu ama yɛn, na ɛnam ne wu no so nti wɔasɔw daa apam no ano ama yɛn. 21 Asomdwoe Nyankopɔn mma mo nea ehia mo nyinaa na monam so ayɛ nʼapɛde, na ɔnam Yesu Kristo so ayɛ yɛn mu adwuma sɛnea ɛsɔ ani. Anuonyam nka Kristo daa nyinaa. Amen.
 
 
22 Anuanom, mesrɛ mo sɛ monyɛ aso ntie nkuranhyɛ nsɛm yi, efisɛ saa krataa a makyerɛw mo yi nyɛ tenten biara.
 
23 Mepɛ sɛ mebɔ mo amanneɛ sɛ wɔayi yɛn nua Timoteo afi afiase. Sɛ ɔba ntɛm a, me ne no bɛba mo nkyɛn.
 
24 Yekyia mpanyimfo no ne Onyankopɔn nkurɔfo no nyinaa.
Anuanom a wɔwɔ Italia no kyia mo.
 
25 Adom nka mo nyinaa.