11
Onyankopɔn Ma Gyidi
Gyidi yɛ ahotoso a yɛwɔ wɔ nneɛma a yɛn ani da so ne awerehyɛmu a yɛwɔ wɔ nneɛma a yɛn ani nhu mu. Gyidi a na tetefo no wɔ nti na wonyaa adanse pa.
Gyidi na ɛma yɛte ase sɛ ɛnam Onyankopɔn asɛm so na wɔbɔɔ wiase. Ɛma yehu sɛ wɔbɔɔ nea wohu fii nea wonhu mu.
Ɛnam gyidi so na Habel bɔɔ afɔre a ɛsɔ ani kyɛn nea Kain de maa Onyankopɔn no. Ne gyidi nti, Onyankopɔn buu no sɛ onipa trenee, na nʼakyɛde no sɔɔ Onyankopɔn ani. Na ɛno so na ɔnam wui a nnɛ mpo ɔda so kasa.
Gyidi nti, wɔfaa Henok kɔɔ ɔsoro a wanhu owu. Obiara anhu no, efisɛ Onyankopɔn na ɔfaa no kɔe. Kyerɛwsɛm no ka se ansa na wɔrebɛfa Henok akɔ no, na wasɔ Onyankopɔn ani. Obiara a onni gyidi rentumi nsɔ Onyankopɔn ani. Ɛsɛ sɛ obiara a ɔba Onyankopɔn nkyɛn no nya gyidi sɛ Onyankopɔn te ase na ɔdom wɔn a wɔhwehwɛ no no.
Gyidi nti na ɛmaa Noa tee Onyankopɔn kɔkɔ a ɔbɔ faa daakye nneɛma a bi nsii da no ho, otiee Onyankopɔn yɛɛ adaka a mu na wogyee ɔno ne ne fifo nkwa. Ɛnam so maa Onyankopɔn buu wiase fɔ, na Noa de, ne nsa kaa trenee a wonya fi gyidi mu no.
Gyidi nti na bere a Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham se ɔnkɔ asase a wahyɛ ho bɔ sɛ ɔde bɛma no no so no, otiei na ɔkɔe. Ogyaw ne man hɔ kɔe a na onnim faako a ɔrekɔ. Gyidi nti ɔtenaa asase a na Onyankopɔn ahyɛ no ho bɔ no so sɛ ɔhɔho. Ɔne Isak ne Yakob a Onyankopɔn hyɛɛ wɔn bɔ koro no ara bi tenaa ntamadan mu. 10 Nanso na Abraham retwɛn kurow kɛse bi a Onyankopɔn akyekyere a ne fapem rensɛe da mu akɔtena. 11 Gyidi nti na Sara nso de nyaa tumi nyinsɛnee, bere a na wanyin na ontumi nwo no. Ɔde ne ho too Onyankopɔn so se obedi ne bɔhyɛ so. 12 Ɛno nti, ɛwɔ mu sɛ na Abraham regye nna awu de, nanso nʼasefo adɔɔso sɛ wim nsoromma ne mpoano nwea.
13 Gyidi mu na saa nnipa yi nyinaa wuwui. Ɛwɔ mu sɛ wɔn nsa anka bɔ a Onyankopɔn hyɛɛ wɔn no de, nanso wohuu no wɔ akyirikyiri yɛɛ no atuu, gye dii sɛ wɔyɛ ahɔho ne amamfrafo wɔ asase so. 14 Wɔn a wɔka saa no da no adi pefee sɛ wɔrehwehwɛ wɔn ankasa wɔn man. 15 Wɔannwene ɔman a wogyaw wɔ wɔn akyi no ho. Sɛ wɔyɛɛ no saa a, anka wobetumi anya ɔkwan asan wɔn akyi akɔ hɔ. 16 Na mmom, ɔman pa a ɛyɛ ɔsoro man no na na wɔrepere. Enti ɛnyɛ Onyankopɔn aniwu sɛ ɔma wɔfrɛ no wɔn Nyankopɔn, efisɛ wasiesie ɔman bi ama wɔn.
17 Gyidi nti Abraham de ne ba Isak kɔbɔɔ afɔre bere a Onyankopɔn sɔɔ no hwɛe. Abraham nko ara ne onipa a na Onyankopɔn ahyɛ no bɔ no, nanso na wasiesie ne ho sɛ ɔde ne ba koro no bɛbɔ afɔre. 18 Na Onyankopɔn aka akyerɛ no se, “Ɛnam Isak so na wʼase bɛterɛw.” 19 Na Abraham nim sɛ Onyankopɔn betumi anyan awufo afi owu mu, na ɔkwan bi so no, yebetumi aka se Onyankopɔn nyan Isak fii owu mu.
20 Gyidi nti na ɛmaa Isak hyiraa Yakob ne Esau maa wɔn daakye asetena.
21 Gyidi nti na ɛmaa Yakob hyiraa Yosef mma no nyinaa ansa na ɔrewu. Obutuw ne pema so sɔree Onyankopɔn.
22 Gyidi nti na Yosef rebewu no, ɔka kyerɛɛ Israelfo se, wobetu afi Misraim, na ɔhyɛɛ nea sɛ owu a, wɔnyɛ nʼamu no.
23 Gyidi nti na ɛmaa Mose awo akyi no, nʼawofo de no siee asram abiɛsa no. Wohuu sɛ na ɔyɛ sononko, enti na wɔansuro sɛ wobebu ɔhene no mmara so no.
24 Gyidi nti na Mose nyin no, wampɛ sɛ wɔbɛfrɛ no Farao babea ba no. 25 Na ɔpɛ sɛ ɔne Onyankopɔn mma behu amane sen sɛ obegye nʼani wɔ bɔne mu mmere tiaa bi. 26 Osusuw sɛ, sɛ ohu amane ma Kristo a, eye sen agyapade a ɛwɔ Misraim nyinaa, efisɛ na nʼani da ade pa bi so daakye. 27 Gyidi nti na ɛmaa Mose tu fii Misraim a na onsuro ɔhene no abufuw. Omiaa nʼani sɛ ɔrensan nʼakyi, efisɛ na wahu Onyankopɔn a obi nhu no no. 28 Gyidi nti na ɔhyɛɛ Twam Afahyɛ no ma wɔde mogya petee apon ho, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔsɛebɔfo no renkum Israelfo mmakan a wɔyɛ mmarima no.
29 Gyidi nti na ɛmaa Israelfo no twaa Po Kɔkɔɔ sɛnea wɔnam asase kesee so no. Misraimfo no pɛɛ sɛ wotwa bi no, asu no bu faa wɔn so.
30 Gyidi nti na Israelfo de nnanson twaa Yeriko afasu ho hyia dwiriw gui no.
31 Gyidi nti na wɔankum aguaman Rahab amfra wɔn a wonnye Onyankopɔn nni no, efisɛ ogyee akwansrafo no fɛw so.
Gyidi Foforo Bi
32 Afei dɛn na menka? Bere bebree nni hɔ sɛ mɛka Gideon, Barak, Samson, Yefta, Dawid ne Samuel ne adiyifo no ho asɛm. 33 Wɔnam gyidi so koo amanko, dii nkonim ma wɔn nsa kaa nea Onyankopɔn hyɛɛ wɔn ho bɔ no. Wɔkataa gyata ano, 34 dum ogyatannaa, tetew wɔn ho fii afoawu ano. Na wɔyɛ mmerɛw, nanso wɔyɛɛ den. Na wɔyɛ den wɔ akono, enti wodii wɔn atamfo so. 35 Ɛnam gyidi so ma wonyan mmea bi awufo maa wɔn. Wɔyɛɛ afoforo bi nso ayayade sɛ anka wɔmpa Onyankopɔn na wonnyaa wɔn. Nanso wɔampo Onyankopɔn, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nsa bɛka daakye wusɔre a ɛkyɛn so no. 36 Woguu afoforo anim ase, bɔɔ wɔn mmaa, na wɔkyekyeree ebinom de wɔn guu afiase. 37 Wosiw ebinom abo. Wɔde sradaa paee ebinom mu abien, de afoa kum bi. Wokyinkyin sɛ nnipa a nguan ne mmirekyi nwoma kata wɔn ho. Wɔyɛɛ mmɔbɔ. Wɔn ho hiaa wɔn na wohuu amane. 38 Wiase yi annye amma wɔn. Wokyinkyin sɛ atutenafo wɔ sare ne mmepɔw so, abodan ne asase so abon mu.
39 Wodii eyinom nyinaa ho adanse pa wɔ wɔn gyidi ho, nanso wɔn nsa anka bɔ a Onyankopɔn hyɛɛ wɔn no, 40 efisɛ Onyankopɔn wɔ tirimupɔw papa bi ma yɛn, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛne wɔn nyinaa bɛbɔ mu anya bɔhyɛ no.