7
Afei, Awurade ka kyerɛɛ Noa se, “Wo ne wo fifo nyinaa nkɔ Adaka no mu, efisɛ asase so nnipa nyinaa mu no, wo na mahu sɛ woyɛ ɔtreneeni. Fa mmoa a wɔn ho tew biara, anini ason ne abere ason ka wo ho. Na fa mmoa biara a wɔn ho ntew nso abien, onini ne ɔbere. Na fa nnomaa biara anini ason ne abere, sɛnea ɛbɛyɛ a nsuyiri no akyi no, wɔn ase bɛfɛe. Nnanson akyi no mɛma osu atɔ wɔ asase so awia ne anadwo adaduanan. Mɛpepa abɔde biara a nkwa wɔ mu a mabɔ afi asase so.”
Noa dii nsɛm a Awurade ka kyerɛɛ no no nyinaa so.
Bere a nsuyiri baa asase so no, na Noa adi mfe ahansia. Noa ne ne mmabarima ne ne yere ne ne nsenom mmea kɔhyɛɛ adaka no mu sɛnea ɛbɛyɛ a nsuyiri no renka wɔn. Mmoa a wɔn ho tew ne wɔn a wɔn ho ntew, nnomaa ne mmoa a wɔwea fam, abien abien a wɔyɛ anini ne abere kɔkaa Noa ho wɔ adaka no mu, sɛnea Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa sɛ ɔnyɛ no. 10 Na nnanson no akyi no, nsuyiri no fii ase.
11 Noa dii mfe ahansia no mu no, ɔsram a ɛto so abien no da a ɛto so dunson no, nsuti a ɛwɔ asase mu no nyinaa bobɔe, na ɔsoro mfɛnsere nso buebuei. 12 Osu tɔɔ wɔ asase so awia ne anadwo adaduanan.
13 Saa da no ara, Noa ne ne mmabarima Sem, Ham ne Yafet ne ne yere ne ne mmabarima baasa no yerenom kɔhyɛɛ adaka no mu. 14 Na wuram mmoa ahorow ne nyɛmmoa ahorow ne aboa biara a ɔnam asase so ne anomaa biara ne abɔde biara a ɛwɔ ntaban ka wɔn ho wɔ Adaka no mu. 15 Abɔde biara a nkwa wɔ wɔn mu abien abien baa Noa nkyɛn bewuraa Adaka no mu. 16 Mmoa a wowuraa mu no nyinaa, na wɔyɛ anini ne abere, sɛnea Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa no. Afei, Awurade kaa Noa hyɛɛ adaka no mu, too no mu.
17 Nsuyiri no toaa so adaduanan wɔ asase so. Ɛmaa Adaka no so maa ɛtɛn nsu no ani. 18 Nsu no kɔɔ so yirii tɛnn wɔ asase so, maa Adaka no tɛn nsu no ani. 19 Nsu no yirii tɛnn wɔ asase so ara kosii sɛ ɛkataa mmepɔw atenten akɛse a ɛwɔ asase so nyinaa so. 20 Nsu no yirii ara kosii sɛ ɛkataa mmepɔw no so boroo so anammɔn aduonu. 21 Abɔde biara a nkwa wɔ mu a ɛnam asase so te sɛ nnomaa, wuram mmoa a wɔwea asase so ne adesamma ase hyewee. 22 Biribiara a ɛte asase ani no nso ase hyewee. 23 Wɔpepaa biribiara a nkwa wɔ mu a ɛte asase so no. Nnipa ne mmoa ne abɔde a wɔnam asase so ne wim nnomaa nyinaa nso wɔpepaa wɔn fii asase so. Ɛkaa Noa ne wɔn a na wɔka ne ho wɔ adaka no mu no nko ara.
24 Nsuyiri no toaa so wɔ asase so nnafua ɔha aduonum.