42
Yosef Nuabarimanom Kɔ Misraim
Bere a Yakob tee sɛ aburow wɔ Misraim no, ɔka kyerɛɛ ne mmabarima no se, “Adɛn nti na morehwehwɛhwehwɛ mo ho mo ho anim kɛkɛ yi?” Yakob toaa so se, “Mate sɛ aburow wɔ Misraim. Monkɔ hɔ, na monkɔtɔ bi mmra na ɔkɔm ankunkum yɛn.”
Enti Yosef nuabarimanom mpanyimfo du no kɔɔ Misraim sɛ wɔrekɔtɔ aburow no bi. Nanso Yakob amma Benyamin a ɔyɛ Yosef nua kumaa no ankɔ bi, efisɛ na osuro sɛ biribi bɛyɛ no. Enti Israel mmabarima no de wɔn ho bɔɔ atɔfo a wofifi aman ahorow so kɔtɔ aburow wɔ Misraim no ho, efisɛ na ɔkɔm no atrɛw akodu Kanaan asase so mmaa nyinaa.
Na Yosef yɛ amrado wɔ Misraim asase so. Ɔno na ɔtɔn aburow ma nnipa nyinaa wɔ ɔman no mu. Yosef nuabarimanom no koduu nʼanim no, wobuu no nkotodwe, de wɔn anim nso butubutuw fam. Bere a Yosef ani bɔɔ anuanom no so no, ohuu wɔn, nanso ɔyɛɛ ne ho sɛnea onnim wɔn ma ɔhaahaa nʼani kasa kyerɛɛ wɔn se, “Mufi he?”
Anuanom no buaa no se, “Yefi Kanaan asase so, na yɛaba sɛ yɛrebɛtɔ aduan.”
Na Yosef ahu ne nuanom no de, nanso wɔn de, na wonhuu no ɛ. Yosef kaee dae a mmere bi ɔso faa wɔn ho no ma ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Moyɛ akwansrafo! Morebɛhwɛ baabi a yɛn asase yi nni bammɔ.”
10 Anuanom no buae se, “Dabi da yɛn wura, wo nkoa bae sɛ yɛrebɛtɔ aduan. 11 Yɛn nyinaa fi agya baako. Wo nkoa yɛ anokwafo, na yɛnyɛ akwansrafo.”
12 Nanso Yosef tii mu se, “Dabi da, morebɛhwɛ baabi a yɛn asase yi nni bammɔ.”
13 Anuanom no buae se, “Na wo nkoa yɛ anuanom dumien, ɔpanyin bi a ɔte Kanaan asase so mma. Mprempren, yɛn kaakyiri no wɔ yɛn agya nkyɛn, na ɔbaako nso afi mu.”
14 Yosef ka kyerɛɛ wɔn se, “Asɛm no ara na meka kyerɛɛ mo no: Moyɛ akwansrafo! 15 Ɔkwan a mɛfa so de asɔ mo ahwɛ ni: Sɛ Farao te ase yi, moremfi ha nkɔ da, kosi sɛ mode mo kaakyiri no bɛba. 16 Monsoma mo mu baako, na ɔnkɔfa mo kaakyiri no mmra. Mede mo a moaka no nyinaa begu afiase. Ɛno na ɛbɛma yɛahu sɛ mo asɛm a moreka no yɛ nokware. Sɛ ɛnte saa a na Farao te ase yi, na moyɛ akwansrafo!” 17 Na ɔde wɔn nyinaa guu afiase nnansa.
18 Nnansa so no, Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom no se, “Meyɛ onyamesuroni. Ɛno nti, monyɛ eyi na moanya nkwa. 19 Sɛ moyɛ nokwafo ampa ara a, momma mo nua baako nna afiase ha na mo a moaka no nso nkɔtɔ aburow no bi nkɔma mo fifo a ɔkɔm rekum wɔn no. 20 Nanso nea ɛte biara no, momfa mo nua kumaa no mmɛkyerɛ me. Ɛno na ɛbɛma mahu mo nsɛm no mu nokware na moanwuwu.” Wɔyɛɛ nea ɔkaa no.
21 Wɔkeka kyerɛkyerɛɛ wɔn ho wɔn ho se, “Nokware, yɛn nuabarima yi nti na wɔretwe yɛn aso. Yehuu sɛnea ɔpaa yɛn kyɛw sɛ yenyaa no nanso yɛantie no; ɛno nti na saa amanehunu yi aba yɛn so no.”
22 Ruben buae se, “Manka ankyerɛ mo sɛ monnyɛ bɔne biara ntia abarimaa no? Nanso moantie! Afei na ɛsɛ sɛ yebu ne mogya ho akontaa” 23 Esiane sɛ na obi kyerɛ nsɛm a Yosef ka no ase kyerɛ wɔn no nti, na wonnim sɛ Yosef te wɔn kasa no.
24 Yosef sɔre fii wɔn nkyɛn kosui. Ɔsan bae ne wɔn bɛkasae bio. Oyii Simeon fii wɔn mu, maa wɔkyekyeree no wɔ wɔn anim.
25 Yosef hyɛɛ sɛ, wɔnhyɛ wɔn nkotoku no aburow amaama, na wɔnsan mfa obiara sika a anka ɔde rebɛtɔ aburow no nhyɛ ne kotoku mu, na wɔmma wɔn akwansoduan nso nka ho. Wɔyɛɛ eyi maa wɔn. 26 Wɔhyehyɛɛ wɔn aburow nkotoku no wɔ wɔn mfurum no so ma wofii hɔ.
27 Wɔrekɔ no ara, wogyinaa kwan so anadwo homee. Ɛhɔ na wɔn mu baako san ne kotoku sɛ ɔrema nʼafurum aduan adi. Ɔsan ne kotoku no, ohuu sɛ ne sika a anka ɔde rekɔtɔ aburow no hyɛ kotoku no fa baabi. 28 Ɔka kyerɛɛ ne nuanom no se, “Wɔde me sika no asan ahyɛ me kotoku no mu. Monhwɛ. Ɛno ni!”
Saa asɛm yi maa wɔn koma tutui. Enti wɔhwehwɛɛ wɔn ho wɔn ho anim kae se, “Dɛn na Onyankopɔn ayɛ yɛn yi?”
29 Woduu wɔn agya Yakob nkyɛn wɔ Kanaan no, wɔbɔɔ no nsɛm a asisi no nyinaa ho amanneɛ. Wɔkae se, 30 “Yeduu Misraim asase so no, ɔbarima a ɔhwɛ asase no so no poopoo nʼani, kyerɛɛ yɛn sɛ yɛyɛ akwansrafo. 31 Nanso yebuaa no se, ‘Yɛyɛ nnipa pa, na yɛnyɛ akwansrafo. 32 Yɛyɛ anuanom dumien a yefi agya baako. Ɔbaako afi mu. Mprempren, yɛn kaakyiri no wɔ yɛn agya nkyɛn wɔ Kanaan.’
33 “Na ɔbarima a ɔhwɛ asase no so ka kyerɛɛ yɛn se, ‘Ɔkwan a mepɛ sɛ mefa so sɔ mo hwɛ ni: Munnyaw mo nuanom baako wɔ me nkyɛn ha, na monkɔtɔ aburow no bi nkɔma mo fifo a ɔkɔm rekum wɔn no. 34 Nanso momfa mo nua kumaa no mmɛkyerɛ me. Ɛno na ɛbɛma mahu sɛ monyɛ akwansrafo na moyɛ nnipa pa. Na mede mo nua no bɛma mo, na mubetumi adi gua wɔ asase yi so.’ ”
35 Bere a wɔrehwiehwie wɔn aburow no afi wɔn nkotoku no mu no, obiara huu ne sika a anka ɔde rekotua aburow no ka wɔ ne kotoku no ano. Wɔne wɔn agya huu sika no, wɔn koma tutui. 36 Ɛyɛɛ saa maa wɔn agya Yakob ka kyerɛɛ wɔn se, “Moama mahwere me mma. Yosef nni hɔ; Simeon nso nni hɔ; afei mopɛ sɛ mofa Benyamin nso ka ho! Biribiara ko tia me.”
37 Ruben ka kyerɛɛ nʼagya se, “Sɛ mamfa Benyamin ansan amma a, wowɔ ho kwan sɛ wukum me mmabarima baanu no si anan. Fa no hyɛ me nsa, na mɛsan de no abrɛ wo.”
38 Nanso Yakob buae se, “Me babarima no ne morenkɔ hɔ, efisɛ ne nuabarima awu ama aka ɔno nko. Sɛ saa kwan a morebetu yi, asiane bi kosiane no a, mewu.”