31
Yakob Guan Fi Laban Nkyɛn
Yakob tee sɛ Laban mmabarima no reka se, “Yakob afa yɛn agya ho nneɛma nyinaa. Nʼahonya nyinaa fi yɛn agya nneɛma a wafa no.” Yakob huu sɛ afei de, Laban ntew nʼanim nkyerɛ no sɛ kan no.
Na Awurade ka kyerɛɛ Yakob se, “San kɔ wʼabusuafo ne wo nkurɔfo asase so, na medi wʼakyi.”
Enti Yakob soma ma wɔkɔfrɛɛ ne yerenom Rahel ne Lea se wɔmmra ne nkyɛn wɔ sare no so, faako a ɔne ne nguankuw no wɔ no. Wɔbae no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Mahu sɛ afei de, mo agya Laban anim nyɛ me fɛ sɛ kan no, nanso Onyankopɔn a mʼagya Isak som no no ka me ho. Munim sɛ mayi me yam de mʼahoɔden nyinaa ayɛ adwuma ama mo agya; nanso mo agya nam asisi kwan so asesa mʼakatua mu mpɛn du. Nanso eyi nyinaa akyi no, Onyankopɔn amma no kwan amma wanyɛ me bɔne. Sɛ ɔka se, ‘Mmoa a wɔn ho yɛ ntokontrama no bɛyɛ wʼakatua,’ na sɛ mmoa no wo a, na wɔawo mma a wɔn ho yɛ ntokontrama. Sɛ ɔka se, ‘Mmoa a wɔn ho yɛ nsensanee no bɛyɛ wʼakatua’ a, na wɔawowo mma a wɔn ho yɛ nsensanee. Ɔkwan a Onyankopɔn nam so agye mo agya nsam nyɛmmoa no de wɔn ama me ama mayɛ ɔdefo no ne no.
10 “Eduu bere a mmoa no hyia mu no, mesoo dae huu sɛ adwennini a wɔforo nguanbere no ho yɛ ntokontrama, nsensanee anaa nsisimu. 11 Onyankopɔn bɔfo frɛɛ me wɔ dae no mu ka kyerɛɛ me se, ‘Yakob!’ Na migyee so se, ‘Me ni!’ 12 Na ɔsoro abɔfo no ka kyerɛɛ me se, ‘Hwɛ na hu sɛ adwennini a wɔforo nguanbere no nyinaa ho yɛ nsensanee, ntokontrama anaa nsisimu, na mahu ɔkwan a Laban de wo fa so no nyinaa. 13 Mene Onyankopɔn a miyii me ho adi kyerɛɛ wo wɔ Bet-El, faako a wode ɔbo sii hɔ, hwiee ngo guu so, som me, hyɛɛ me bɔ sɛ, wobɛsom me no. Afei, tu fi saa asase yi so ntɛm ara, na san kɔ asase a wɔwoo wo wɔ so no so.’ ”
14 Na Rahel ne Lea bisae se, “Enti saa tebea a yɛwɔ mu yi, yɛwɔ kyɛfa bi wɔ yɛn agya agyapade mu ana? 15 Yɛn agya mfa yɛn sɛ yɛyɛ ahɔho? Watɔn yɛn, na yɛn ti sika a ogyee no nso, wadi. 16 Ɛyɛ nokware turodoo sɛ yɛn agya ahode a Onyankopɔn gyei no nyinaa yɛ yɛn ne yɛn mma dea. Enti biribiara a Onyankopɔn aka akyerɛ wo sɛ yɛ no, yɛ.”
17 Na Yakob de ne mma ne ne yerenom tenatenaa yoma so. 18 Ɔkaa ne mmoa nyinaa, agyapade a wanya nyinaa ne mmoa a onyaa wɔ Paddan-Aram nyinaa dii nʼanim sɛ, ɔrekɔ nʼagya Isak nkyɛn wɔ Kanaan asase so.
19 Bere a Laban kɔɔ wuram sɛ ɔrekotwitwa ne nguan ho nwi no, Rahel faa nʼakyi kowiaa nʼagya fi abosom. 20 Yakob daadaa Aramni Laban a wamma wanhu sɛ ɔreguan. 21 Yakob de nʼahode nyinaa guanee. Otwaa Asubɔnten Eufrate, de nʼani kyerɛɛ bepɔw asase Gilead no so.
Laban Tiw Yakob
22 Yakob ne nʼabusuafo guanee no, nnansa akyi ansa na Laban tee sɛ wɔkɔ. 23 Laban faa ne fifo kaa ne ho, de anibere tiw Yakob. Nnanson akyi ansa na ɔkɔtoo Yakob ne ne nkurɔfo no wɔ bepɔw Gilead so. 24 Saa da no ara anadwo, Onyankopɔn yii ne ho adi wɔ dae mu kyerɛɛ Aramni Laban. Ɔka kyerɛɛ no wɔ dae no mu se, “Hwɛ yiye na woankɔka asɛm biara; sɛ ɛyɛ asɛm pa anaa asɛmmɔne ankyerɛ Yakob.”
25 Bere a Laban ne ne fifo kɔtoo Yakob no, na Yakob asisi ne ntamadan wɔ bepɔw Gilead atifi. Laban ne ne fifo no nso sisii wɔn ntamadan wɔ hɔ. 26 Na Laban kɔɔ Yakob nkyɛn kobisaa no se, “Asɛm bɛn na wode adi me yi? Woadaadaa me, akyekyere me mmabea de wɔn reguan te sɛ nnommumfo. 27 Adɛn nti na wodaadaa me, na wuguan fii me nkyɛn a woankra? Sɛ wokraa me a, anka mɛto wo pon, na mama nnipa abɛbɔ sanku, ato nnwom wɔ aponto no ase, de agya wo kwan. 28 Woamma mankyiakyia me nenanom ne me mmabea yi nsam annya wɔn kwan mpo. Woadi nkwaseasɛm. 29 Mewɔ tumi sɛ anka meyɛ wo bɔne, nanso nnɛra anadwo, Onyankopɔn a wo agya som no no ka kyerɛɛ me wɔ dae mu se, ‘Hwɛ yiye na woanka asɛm biara, sɛ ɛyɛ asɛm pa anaa asɛmmɔne ankyerɛ Yakob.’ 30 Esiane sɛ wʼani agyina wʼagya fi nti, na ɛsɛ sɛ wokɔ ara. Na adɛn nti na wuwiaa mʼabosom de kaa wo nneɛma ho?”
31 Yakob buaa Laban se, “Na misuro. Na ɛyɛ me sɛ wode tumi begye wo mmabea no afi me nsam. 32 Nanso obiara a wubehu wʼabosom no wɔ ne nkyɛn no, ɔsɛ owu. Wʼankasa hwehwɛ sɛ wubehu biribiara a ɛyɛ wo de wɔ me nneɛma yi mu wɔ yɛn nuanom yi anim. Sɛ wuhu biribiara a ɛyɛ wo de a, fa wʼade.” Bere a Yakob kaa saa asɛm yi no, na onnim sɛ Rahel na wawia nʼagya Laban abosom no.
33 Ɛno nti, Laban kɔɔ Yakob, Lea, ne nʼasomfo Bilha ne Silpa ntamadan mu kɔhwehwɛɛ hɔ, nanso wanhu biribiara. Afei, okowuraa Rahel ntamadan mu. 34 Na Rahel awia abosom no de ahyehyɛ ne yoma no agua ase, atena so. Enti Laban kɔhwehwɛɛ nneɛma a ɛwɔ Rahel ntamadan no nyinaa mu, nanso wanhu abosom no.
35 Rahel ka kyerɛɛ nʼagya se, “Agya, mma wo bo mfuw me sɛ mete hɔ wɔ wʼanim na mennsɔre nnyina hɔ, makɔ afikyiri.” Enti Laban toaa so hwehwɛɛ abosom no ara, nanso wanhu.
36 Ɛyɛɛ saa no, Yakob bo fuw Laban yiye, bisaa no se, “Bɔne bɛn na mayɛ? Amumɔyɛsɛm bɛn na madi a ɛno nti, woataa me ara yi?” 37 Wohwehwɛɛ me nneɛma nyinaa mu yi, dɛn ade na wuhuu a ɛyɛ wo ne wo fifo de? Nea wuhuu biara no, fa bɛto gua wɔ me nuanom ne wo nuanom a wɔahyia ha yi nyinaa anim, na wɔnkyerɛ nea ɛyɛ ne de.
38 “Mfirihyia aduonu a wo ne me tenae, wo nguan ne wo mmirekyi abere no ampɔmpɔn, na mankum wʼadwennini yi bi amfi wo nguankuw yi mu anwe da. 39 Mamfa wʼaboa biara a akekaboa bi atetew ne mu ammrɛ wo; wɔn a mmoa kum wɔn no, mʼankasa mehyɛɛ anan mu. Afei sɛ ɛba sɛ wowia wo mmoa no bi, anadwo anaa awia a, woma mitua ka. 40 Eyi ne tebea a na mewɔ mu: Meyɛɛ wʼadwuma awia maa owia hyee me ne anadwo maa awɔw dee me; nam so maa nna yera fii mʼaniwa mu. 41 Tebea a na mewɔ mu mfirihyia aduonu a metenaa wo nkyɛn no nyinaa ni. Mede mfirihyia dunan na ɛyɛɛ adwuma maa wo, de waree wo mmabea baanu no. Na mede mfirihyia asia nso hwɛɛ wo nguan, na wosesaa mʼakatua mpɛn du. 42 Sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn a mʼagya som no, Onyankopɔn a Abraham som no a ɔwɔ mʼafa ne suro a misuro mʼagya Isak a, anka nokware ni, wopam me maa mede me nsa pan kɔe. Nanso Onyankopɔn huu mʼamanehunu ne me nsa ano adwuma nti na nnɛra anadwo ɔkaa wʼanim no.”
Laban Ne Yakob Yɛ Apam
43 Laban buaa Yakob se, “Mmea no yɛ me mmabea, mmofra no nso yɛ me nenanom, na nguankuw no nso yɛ me nguankuw. Nneɛma a wuhu yi nyinaa yɛ me de. Ɛbɛyɛ dɛn na matumi ayɛ mʼankasa me mmabea ne me nenanom bɔne? 44 Afei, bra na me ne wo nyɛ apam a ebedi me ne wo ntam adanse. Saa apam no so na yebedi wɔ yɛn asetena nyinaa mu.”
45 Enti Yakob faa ɔbo de sii hɔ yɛɛ nkaedum. 46 Yakob kyerɛɛ ne nuanom no se, “Montase abo!” Enti wɔtasee abo boaa ano, na wɔn nyinaa tenaa ho didii. 47 Laban frɛɛ abo kuw no Yegar-Sahaduta a ne nkyerɛase ne Adanse Kuw. Yakob nso frɛɛ saa abo kuw no Gal-Ed, a ne nkyerɛase ne Adanse Kuw saa ara.
48 Laban kae se, “Abo Kuw yi na edi me ne wo ntam adanse nnɛ!” Ɛno nti na wɔfrɛ no Gal-Ed no. 49 Na wɔsan frɛ abo nkaedum no nso bio sɛ, “Mispa” efisɛ Laban kae se, “Awurade mmoa yɛn, na sɛ yɛn ntam tetew mpo a, yɛn mu biara bedi saa apam yi so. 50 Sɛ woanhwɛ me mmabea yi yiye anaasɛ woware mmea foforo ka me mmabea yi ho a, ɛwɔ mu sɛ merenhu, nanso Onyankopɔn de, obehu.”
51 Laban san ka kyerɛɛ Yakob se, “Abo Kuw yi ni. Nkaedum a mede asi me ne wo ntam no nso ni. 52 Abo Kuw yi, ne nkaedum yi nyɛ adanse sɛ, me Laban, merentra saa Abo Kuw yi ne nkaedum yi mma baabi a wowɔ mmɛtoa wo. Na wo Yakob nso, worentra saa Abo kuw yi ne nkaedum yi mma baabi a mewɔ mmɛtoa me. 53 Ma Abraham Nyankopɔn ne Nahor* Nyankopɔn, wɔn agyanom Nyankopɔn nyɛ otemmufo wɔ me ne wo ntam.”
Enti Yakob de nʼagya Isak Nyankopɔn ho suro kaa ntam sɛ, ɔrentra ɔhye no. 54 Yakob bɔɔ Onyankopɔn afɔre wɔ bepɔw no atifi, na ohyiahyiaa ne nnamfonom ma wobedidii. Ɛno akyi no, wɔdaa ne nkyɛn wɔ bepɔw no so.
55 Laban sɔree anɔpatutuutu few ne nenanom ne ne mmabea no ano, hyiraa wɔn. Na ɔsan nʼakyi kɔɔ ne kurom.
* 31:53 Na Nahor yɛ Abraham nuabarima (11.26) na ɔyɛ Laban nena (24.24,29). Laban som anyame bebree.