21
Isak Awo
Afei, Awurade dom Sara sɛnea ɔhyɛɛ no bɔ no. Sara nyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabarima maa Abraham wɔ ne nkwakoraabere mu, bere a Awurade hyɛɛ no bɔ no mu pɛpɛɛpɛ. Abraham too ɔbabarima a Sara woo no maa no no din Isak, a ase ne Serew. Bere a Isak dii nnaawɔtwe no, otwaa no twetia, sɛnea Onyankopɔn hyɛɛ no no. Wɔwoo Isak maa Abraham no, na wadi mfe ɔha.
Sara kae se, “Onyankopɔn ama maserew. Na obiara a ɔbɛte saa asɛm yi ne me bɛbɔ mu aserew.” Sara ka kaa ho se, “Hena na ɔsoo ho dae ka kyerɛɛ Abraham se Sara bɛwo mma. Nanso ne nkwakoraabere mu yi, mawo ɔbabarima ama no.”
Wɔpam Hagar Ne Ismael
Abofra no nyin ma wotwaa no nufu. Da a wotwaa Isak nufu no, Abraham too pon kɛse. Nanso Sara hui sɛ, ɔbabarima a nʼafenaa Misraimni Hagar woo no maa Abraham no redi Isak ho fɛw. 10 Enti Sara ka kyerɛɛ Abraham se, “Pam saa afenaa yi ne ne babarima yi fi ha; na Isak ne saa afenaa babarima yi nni wʼagyapade biara mu kyɛfa.”
11 Abraham tee saa asɛm no, esiane ne babarima Ismael nti, ne werɛ how yiye. 12 Nanso Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham se, “Mma wo babarima Ismael ne wʼafenaa Hagar ho asɛm no nhaw wo bebree. Asɛm biara a Sara bɛka akyerɛ wo no, tie, efisɛ Isak so na wɔnam bɛkan wʼasefo. 13 Mɛma afenaa no babarima Ismael no nso asefo ayɛ ɔman kɛse, efisɛ ɔno nso yɛ wʼaseni.”
14 Ade kyee anɔpatutuutu no, Abraham faa aduan ne nsu a egu aboa nhoma mu de maa Hagar. Ɔde aduan no ne nsu no sisii Hagar mmati so, ka kyerɛɛ ɔne ne ba Ismael no se wɔnkɔ. Ofii hɔ kokyinkyin Beer-Seba sare so a na onhu baabi a ɔrekɔ.
15 Nsu a ɛwɔ aboa nhoma no mu sae no, ɔde ne babarima no kohintaw wura no mu baabi. 16 Na ɔkɔtenaa akyiri baabi a wotow ɔbo a ɛbɛtɔ, kae se, “Merentumi nhwɛ sɛ abarimaa no bewu.” Na bere a Hagar te hɔ saa no, ofii ase sui.
17 Onyankopɔn tee sɛ abarimaa no resu. Onyankopɔn bɔfo fi ɔsoro frɛɛ Hagar bisaa no se, “Hagar! Ɛyɛ dɛn? Nsuro, efisɛ Onyankopɔn ate abarimaa no su wɔ faako a ɔda no. 18 Ma abarimaa no so, efisɛ mɛma no ayɛ ɔman kɛse.”
19 Na Onyankopɔn buee Hagar ani ma ohuu asubura bi. Ɔde aboa nhoma no kɔsaw nsu ma, na ɔmaa abarimaa no bi nomee.
20 Onyankopɔn adom nti, abarimaa no nyinii. Ɔtenaa sare no so huu agyantow yiye. 21 Bere a ɔte Paran sare so no, ne na kɔfaa ɔbea fi Misraim asase so de no brɛɛ no aware.
Abraham Ne Abimelek Apam
22 Saa bere no mu, ɔhene Abimelek ne ne sahene Pikol baa Abraham nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Biribiara a woyɛ no, Onyankopɔn ka wo ho. 23 Enti afei, di nsew ka ntam wɔ Onyankopɔn anim kyerɛ me wɔ ha se, worentwa me mma anaa mʼasefo nkontompo. Saa ayamye a mayɛ wo no, saa ara na fa yɛ me ne ɔman a wote so sɛ ɔnanani no.”
24 Abraham penee so se, “Meka saa ntam no!”
25 Na Abraham de asubura bi a Abimelek nkoa de anuɔden afa no ho asɛm kɔtoo Abimelek anim. 26 Nanso Abimelek kae se, “Minnim onipa ko a ɔyɛɛ saa ade no. Woammɔ me ho amanneɛ. Nnɛ na mate saa asɛm yi.”
27 Enti Abraham de nguan ne anantwi brɛɛ Abimelek. Na mmarima baanu yi de yɛɛ apam. 28 Abraham yii nguantenmma abere ason fii nguankuw no mu gyinaa nkyɛn, 29 na Abimelek bisaa Abraham se, “Nguantenmma abere ason a woayi wɔn agyina nkyɛn yi ase kyerɛ dɛn?”
30 Abraham buae se, “Ne nkyerɛase ara ne sɛ, ɛyɛ akyɛde a mede rema wo de adi adanse sɛ, me na mituu saa abura yi.”
31 Efi saa bere no rekɔ no, wɔfrɛɛ saa abura no Beer-Seba, a ase ne Ntanka Abura, efisɛ ɛhɔ na wɔn baanu yɛɛ apam no.
32 Wɔyɛɛ apam no wiee wɔ Beer-Seba no, ɔhene Abimelek ne ne Sahene Pikol san kɔɔ Filistifo asase so. 33 Abraham nso duaa dua bi a wɔfrɛ no asantɛw wɔ abura no ho wɔ Beer-Seba. Ɛhɔ na na ɔsom Awurade teasefo no daa. 34 Abraham tenaa Filistifo asase no so sɛ ɔnanani nna bebree.