19
Sodom Ne Gomora Amumɔyɛ
Ɔsoro abɔfo baanu no duu Sodom anwummere. Na Lot te kurow no pon ano. Bere a Lot huu sɛ wɔreba no, ɔsɔre kohyiaa wɔn kwan. Obuu nkotodwe, de nʼanim butuw fam, nam so maa wɔn akwaaba. Ɔkae se, “Me wuranom, mesrɛ mo, mommɛsoɛ mo akoa fi na memma mo nsu nhohoro mo anan ho, na monna, na ɔkyena anɔpatutuutu, moatoa mo akwantu no so.”
Nanso abɔfo no buae se, “Dabi, mmom, yɛbɛda aguabɔbea.”
Nanso Lot kɔɔ so srɛɛ wɔn anibere so nti, wɔne no kɔɔ ne fi. Ɔtoo brodo a wamfa mmɔkaw amfra da no ara, de too wɔn pon ma wodii. Ansa na wɔbɛkɔ akɔda no, Sodomfo mpanyin ne mmofra nyinaa fi kurow no afanan betwaa ofi no ho hyiae. Wɔteɛteɛɛ mu frɛɛ Lot bisaa no se, “Mmarima a wɔbaa wo nkyɛn anadwo yi wɔ he? Fa wɔn brɛ yɛn, na yɛne wɔn nkɔda.”
Lot fii adi, too ne pon mu, kohyiaa Sodom mmarima no. Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Me nuanom, mesrɛ mo, munni amumɔyɛsɛm a ɛte saa. Muntie! Mewɔ mmabea baanu a wonhuu mmarima da. Momma memfa wɔn mmrɛ mo, na nea mopɛ biara, moayɛ wɔn. Na saa mmarima baanu yi de, mommfa mo nsa nka wɔn, efisɛ wɔaba me suhyɛ bammɔ mu.”
Dɔm no teɛteɛɛ mu se, “Twe wo ho! Woyɛ hena? Yɛn na yɛama wo baabi atena wɔ ha, na afei de worebɛkyerɛ yɛn nea yɛnyɛ. Yɛne wo bedi no anibere so asen nkurɔfo no.” Dɔm no twiw faa Lot so, na wofii ase bubuu apon no.
10 Nanso ɔsoro abɔfo baanu a wɔhyɛ fie hɔ no pue bɛtwee Lot kɔhyɛɛ fie hɔ, too pon no mu. 11 Ɔsoro abɔfo baanu no maa mpanyin ne mmofra a wogyinagyina ɔpon no akyi no ani furafurae, enti wɔanhu ɔpon no koraa.
Sodom Ne Gomora Sɛe
12 Mmarima baanu no bisaa Lot se, “Wowɔ abusuafo bi wɔ kurom ha sɛ ɛyɛ wo nsenom, wo mmabea, wo mmabarima anaa obi foforo bi a ɔyɛ wo ho nipa? Yi wɔn nyinaa fi ha, 13 efisɛ yɛrebɛsɛe saa kurow yi pasaa. Amumɔyɛsɛm a etia nnipa yi a adu Awurade anim no ano den nti, wasoma yɛn sɛ yɛmmɛsɛe kurow yi.”
14 Enti Lot fii adi kɔbɔɔ mmarima bi a wɔahyɛ bɔ sɛ wɔbɛwareware ne mmabea no amanneɛ. Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Monyɛ no ntɛm, na mumfi kurow yi mu, efisɛ Awurade Nyankopɔn rebɛsɛe kurow yi!” Nanso na saa mmarima yi susuw sɛ ɔredi fɛw bi.
15 Anɔpahema no, ɔsoro abɔfo no hyɛɛ Lot se, “Ntɛm! Ka wo ho, na fa wo yere ne wo mmabea baanu a wɔwɔ ha no fi ha kɔ; anyɛ saa a, wɔde mo bɛfra kurow no, asɛe mo.”
16 Ɔtwentwɛn ne anan ase no, ɔsoro abɔfo no susoo Lot ne yere ne ne mmabea baanu no nsa, twee wɔn, de wɔn fii kurow no mu asomdwoe mu, efisɛ Awurade huu wɔn mmɔbɔ. 17 Ɔsoro abɔfo no yii Lot mmabea baanu no fii kurow no mu ara pɛ, abɔfo no mu baako kae se, “Munguan nnye mo kra nkwa; monnhwɛ mo akyi. Munnnyina baabiara. Munguan nkɔ mmepɔw no so, anyɛ saa a mubewuwu!”
18 Nanso Lot ka kyerɛɛ wɔn se, “Dabi me wuranom! 19 Mo akoa anya mo anim adom, na moayɛ me adɔe kɛse de agye me nkwa. Nanso me de, merentumi nguan nkɔ mmepɔw no so, efisɛ misuro sɛ anhwɛ a, saa amanehunu yi bɛto me, ama mawu. 20 Hwɛ, kurow ketewa bi bɛn ha. Mesrɛ mo, momma minkohintaw hɔ mmom, na manhwere me nkwa. Kurow no nsua ana?”
21 Ɔsoro abɔfo no ka kyerɛɛ Lot se, “Eye, Mɛpene wʼabisade yi so; merensɛe saa kurow ketewa no. 22 Ɛno de, guan kɔ hɔ ntɛm, efisɛ sɛ wunnuu hɔ a, merenyɛ biribiara.” Efi saa bere no na wɔfrɛɛ kurow no Soar a ase ne kurow ketewa.
23 Bere a Lot duu Soar no, na owia apue. 24 Afei, Awurade maa sufre ne ogya tɔ fii soro, guu Sodom ne Gomora so. 25 Saa ɔkwan yi so na wɔfa de sɛee saa nkuropɔn abien ne asasetam no nyinaa. Nnipa a na wɔtete saa nkuropɔn no so ne asase no so afifide nso nyinaa sɛee. 26 Nanso Lot yere twaa nʼani hwɛɛ nʼakyi ma ɔdan nkyene siw.
27 Ade kyee anɔpatutuutu no, Abraham kɔɔ baabi a ogyinaa Awurade anim no. 28 Ɔmaa nʼani so hwɛɛ Sodom ne Gomora fam ne asasetam no so nyinaa, huu wusiw kumɔnn a abua asase no so te sɛ wusiw a efi fononoo mu.
29 Bere a Onyankopɔn sɛee nkurow a ɛwɔ asase tamaa no so no, Onyankopɔn kaee Abraham, na oyii Lot fii ɔsɛe a ɛbaa nkurow a na Lot te so no mu no.
Lot Ne Ne Mmabea Baanu No
30 Lot ne ne mmabea baanu no tu fii Soar kɔtenaa ɔbodan bi a na ɛwɔ mmepɔw no so no mu, efisɛ na osuro sɛ ɔbɛtena Soar. 31 Da koro bi, ɔbabea panyin no ka kyerɛɛ akumaa no se, “Yɛn agya abɔ akwakoraa, na ɔbarima biara nso nni ha a ɔne yɛn bɛda, sɛnea wɔyɛ wɔ wiase baabiara no. 32 Ne saa nti, ma yɛmma yɛn agya nsa nnom, na afei yɛne no nna, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛnam ne so bɛma yɛn ase afɛe.”
33 Saa anadwo no, wɔmaa wɔn agya nsa nomee. Na ɔbabea panyin no ne no kɔdae. Lot anhu bere ko a ne babea panyin no de bɛdaa hɔ ne bere ko a ɔsɔre kɔe.
34 Ade kyee no, ɔbabea panyin no ka kyerɛɛ akumaa no se, “Nnɛra anadwo, me ne mʼagya dae. Saa anadwo yi, ma yɛnsan mma no nsa nnom, na wo nso, wo ne no nkɔda, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛnam yɛn agya so bɛma yɛn ase afɛe.” 35 Saa anadwo no nso, wɔmaa wɔn agya nsa nomee. Na akumaa no nso ne nʼagya kɔdae. Bio, Lot anhu bere ko a akumaa no de bɛdaa hɔ ne bere ko a ɔsɔre kɔe.
36 Enti Lot ne ne mmabea baanu no nyinsɛnee. 37 Ne babea panyin no woo ɔbabarima, na ɔtoo no din Moab. Ɔno na ɔyɛ Moabfo agya de besi nnɛ. 38 Akumaa no nso woo ɔbabarima, na ɔtoo no din Ben-Ami; ɔno nso ne Amon mma agya de besi nnɛ.