13
Abram Ne Lot Di Ntetewmu
Abram tu fii Misraim. Ɔno, ne yere, Lot, nʼagyapade ne ne fifo nyinaa baa Negeb. Saa bere no na Abram anya ne ho a ɔwɔ nyɛmmoa, dwetɛ ne sikakɔkɔɔ pii.
Ofii Negeb hɔ no, odii atutena ara koduu Bet-El, faako a odii kan sii ne ntamadan a ɛwɔ Bet-El ne Ai ntam no. Ɛhɔ na kan no osii nʼafɔremuka. Ɛhɔ nso na ɔkɔɔ so som Awurade.
Na Lot a ɔne Abram nam no nso yɛ ɔdefo a ɔwɔ nguan, anantwi ne asomfo bebree. Esiane sɛ saa bere no na Abram ne Lot nyinaa anya wɔn ho, na wɔwɔ nguan, anantwi ne asomfo pii nti, na wɔnsen asase no so. Na akasakasa taa baa Abram mmoahwɛfo ne Lot mmoahwɛfo no ntam. Saa bere no na Kanaanfo ne Perisifo nso tete asase no so.
Enti Abram ka kyerɛɛ Lot se, “Mesrɛ wo, mma akasakasa mma me ne wo anaa me mmoahwɛfo ne wo mmoahwɛfo ntam, efisɛ yɛyɛ anuanom. Ɛnyɛ asase no nyinaa na ɛda wʼanim yi? Ma yenni mpaapaemu. Sɛ wokɔ benkum a, mɛkɔ nifa, na sɛ wokɔ nifa nso a, mɛkɔ benkum.”
10 Lot hwɛɛ ne ho hyiae, huu sɛ asase a ɛda Yordan ho no yɛ asasebere. Na nsu wɔ mu baabiara te sɛ Eden turo mu anaasɛ Misraim asase a ɛda Soar fam hɔ no ara pɛ. Saa bere no, na Awurade nnya nsɛee Sodom ne Gomora ɛ. 11 Na Lot de nʼani kyerɛɛ apuei fam, faa asase a ɛda Yordan ho no. Eyi ne ɔkwan a Abram ne Lot faa so dii ntetewmu no. 12 Abram tenaa Kanaan asase so. Na Lot nso dii atutena wɔ nkuropɔn a ɛwowɔ nsase tamaa no so, na okosii ne ntamadan wɔ baabi a ɛbɛn Sodom. 13 Na nnipa a wɔwɔ Sodom kurow no mu no yɛ amumɔyɛfo a daa wɔyɛ bɔne akɛseakɛse de tia Awurade.
14 Lot tew ne ho fii Abram ho akyi no, Awurade ka kyerɛɛ Abram se, “Afei, ma wʼani so hwɛ atifi fam, anafo fam, apuei fam ne atɔe fam. 15 Mede asasetam a wʼani tua yi nyinaa bɛma wo ne wʼasefo afebɔɔ. 16 Mɛma wʼasefo adɔɔso sɛ asase so mfutuma a obiara ntumi nkan. 17 Sɔre, kɔ na kɔhwehwɛ asase no so nyinaa, efisɛ mede rema wo.”
18 Enti Abram tutuu ne ntamadan bɛtenaa odum kwae bi a ɛyɛ Mamrɛ de wɔ Hebron no. Ɛhɔ na osii afɔremuka maa Awurade.