11
Babel Abantenten
Bere bi, na nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa ka kasa koro. Saa nnipa yi tu baa apuei fam no, wɔbɛtoo asase tamaa wɔ Babilonia asase so, na wɔtenaa hɔ.
Wosisee wɔn ho wɔn ho se, “Momma yentwa ntayaa na yɛnto mma ɛmmen yiye.” Na wɔde ntayaa ne ama na esi adan. Na wɔkae bio se, “Momma yɛnkyekye kurow kɛse, na yensi abantenten a ne sorɔnsorɔmmea du ɔsorosoro wɔ kurow no mu, na yennye din, na yɛanhwete wɔ asase so.”
Awurade sian fii ɔsoro baa fam, behuu kurow kɛse a wɔrekyekyere no ne abantenten a wɔresi no. Awurade kae se, “Sɛ nnipa koro a wɔka kasa baako afi ase redi saa dwuma yi a, ɛno de biribiara a wɔbɔ wɔn tirim sɛ wɔbɛyɛ no renyɛ wɔn den. Mommra na yɛnkɔ asase so, na yɛnkɔtoto wɔn kasa, na obiara nnya ne kasa, sɛnea obiara nte ne yɔnko kasa.”
Ɛnam eyi so maa Awurade hwetee nnipa no nyinaa mu ma wɔpetee asase so nyinaa, maa wogyaee kurow kɛse no kyekyere. Ɛno nti na wɔfrɛɛ kurow kɛse no Babel,* efisɛ, ɛhɔ na Awurade totoo kasa baako a na wɔka wɔ wiase nyinaa saa bere no, maa wɔn kasa ahorow. Efi hɔ na Awurade hwetee nnipa no nyinaa mu ma wɔpetee asase so nyinaa.
Sem Awo Ntoatoaso
10 Eyi ne Sem asefo ho asɛm.
 
Nsuyiri no akyi, mfe abien no a na Sem adi mfe ɔha no, ɔwoo Arfaksad. 11 Sem woo Arfaksad akyi no ɔtenaa ase mfe ahannum, wowoo mmabarima ne mmabea bi nso kaa ho.
12 Arfaksad nso dii mfe aduasa anum no, ɔwoo Sela. 13 Arfaksad woo Sela akyi no ɔtenaa ase mfe ahannan ne abiɛsa, wowoo mmabarima ne mmabea bi nso kaa ho.
14 Sela dii mfe aduasa no, ɔwoo Eber. 15 Sela woo Eber akyi no ɔtenaa ase mfe ahannan ne abiɛsa, wowoo mmabarima ne mmabea bi nso kaa ho.
16 Eber dii mfe aduasa anan no, ɔwoo Peleg. 17 Eber woo Peleg akyi no ɔtenaa ase mfe ahannan ne aduasa, wowoo mmabarima ne mmabea bi nso kaa ho.
18 Peleg dii mfe aduasa no, ɔwoo Reu. 19 Peleg woo Reu akyi no ɔtenaa ase mfe ahannu ne akron, wowoo mmabarima ne mmabea bi nso kaa ho.
20 Reu dii mfe aduasa abien no, ɔwoo Serug. 21 Reu woo Serug akyi no ɔtenaa ase mfe ahannu ne ason, wowoo mmabarima ne mmabea bi nso kaa ho.
22 Serug dii mfe aduasa no, ɔwoo Nahor. 23 Serug woo Nahor akyi no ɔtenaa ase mfe ahannu wowoo mmabarima ne mmabea bi nso kaa ho.
24 Nahor dii mfe aduonu akron no, ɔwoo Tera. 25 Nahor woo Tera akyi no ɔtenaa ase mfe ɔha ne dunkron, wowoo mmabarima ne mmabea bi nso kaa ho.
26 Tera dii mfe aduɔson no, ɔwoo Abram, Nahor ne Haran.
Tera Asefo
27 Eyi ne Tera asefo ho asɛm.
 
Tera woo Abram, Nahor ne Haran. Na Haran woo Lot. 28 Bere a Haran agya Tera te ase no, Haran wuu wɔ faako a wɔwoo no a wɔfrɛ hɔ Ur, a ɛwɔ Kaldea asase so no. 29 Abram ne Nahor warewaree. Na Abram yere din de Sarai, na Nahor nso yere din de Milka a na ɔyɛ Haran babea. Saa Haran yi na ɔwoo Milka ne Iska. 30 Na Sarai yɛ obonin; na onni ba.
31 Tera faa ne babarima Abram ne ne nena Lot, a ɔyɛ Haran babarima ne nʼasebea Sarai, a na ɔyɛ ne babarima Abram yere no, ne wɔn nyinaa sii mu fii Ur a ɛwɔ Kaldea asase so sɛ wɔrekɔ Kanaan asase so. Na woduu Haran no, wɔtenaa hɔ.
32 Tera dii mfe ahannu ne anum, na owui wɔ Haran.
* 11:9 Din Babel no kyerɛ basabasa wɔ Hebri kasa mu.