Paulo Nhoma A
Ɔkyerɛw Kɔmaa
Kolosefo
1
Nkyia
Saa krataa yi fi Paulo a ɛnam Onyankopɔn pɛ so nti, ɔyɛ Kristo somafo no ne yɛn nua Timoteo nkyɛn,
 
De rekɔma ahotefo a wɔwɔ Kolose a wɔyɛ Kristo mu agyidifo no:
 
Adom ne asomdwoe a efi yɛn Agya Onyankopɔn nka mo.
 
Aseda Ne Mpaebɔ
Bere biara a yɛbɔ mpae ma mo no, yɛda Onyankopɔn a ɔyɛ Awurade Yesu Kristo Agya no ase. Efisɛ yɛate mo gyidi a mowɔ wɔ Kristo Yesu mu, ne dɔ a modɔ ahotefo no. Da a edi kan a motee Asɛmpa no munyaa mu anidaso a ɛwɔ hɔ ma mo no. Enti mo gyidi ne mo dɔ a mowɔ no gyina mo anidaso a mowɔ a wɔakora no wɔ ɔsoro ama mo no so. Efi da a edi kan a motee Onyankopɔn adom na muhuu sɛnea ɛte no, Asɛmpa no de nhyira abrɛ wiase mmaa nyinaa, na trɛw ara na ɛretrɛw sɛnea muhu no wɔ mo mu no. Ɛnam Epafra a ɔyɛ yɛn nua somfo a ɔde gyidi yɛ Kristo adwuma ma yɛn no so na muhuu eyi. Ɔkaa ɔdɔ a Honhom no de ama mo no kyerɛɛ yɛn.
Esiane saa nti, efi bere a yɛtee mo nka no, yɛbɔ mpae ma mo daa. Yɛsrɛɛ Onyankopɔn sɛ omfi ne pɛ mu mma mo nyansa ne ntease a ne Honhom de ma no. 10 Ɛba saa a na mubetumi atena ase sɛnea Awurade hwehwɛ na bere biara nso, mobɛyɛ nea ɛsɔ nʼani. Dwuma biara a mubedi no, ɛbɛsow aba pa na mubenyin wɔ Onyankopɔn ho nimdeɛ mu. 11 Yɛrebɔ mpae nso sɛ ne tumi ne nʼahoɔden bɛhyɛ mo ma na moatumi de Awurade mu ahosɛpɛw ne boasetɔ agyina biribiara ano. 12 Momfa ahosɛpɛw nna Agya no a ɛnam ne so nti moanya nea wakora so ama nʼahotewfo a wɔwɔ ne hann no mu no bi no ase. 13 Ogyee yɛn fii sum tumi ase de yɛn baa ne Dɔba no Ahenni mu dwoodwoo. 14 Ne mu na yenya ogye. Ne mu nso na yenya bɔnefakyɛ.
15 Kristo yɛ Onyankopɔn a wonhu no no sɛso. Ɔno ne abɔde nyinaa farebae. 16 Efisɛ ɛnam ne so na Onyankopɔn bɔɔ biribiara a ɛwɔ ɔsoro ne asase so, nea wohu ne nea wonhu, honhom mu atumfo, awuranom ne ahemfo. Onyankopɔn nam ne so na ɔbɔɔ wiase nyinaa na ɔbɔ maa no nso. 17 Na ɔwɔ hɔ ansa na wɔrebɔ biribiara, na ne mu na biribiara nya nʼafa pɛpɛɛpɛ. 18 Asafo no yɛ ne nipadua, na ɔno na ɔyɛ asafo no ti. Ɔno na nipadua no nkwa fi. Ɔno ne Abakan a wonyan no fii awufo mu sɛnea ɛbɛyɛ a ɔno nko ara bedi ade nyinaa mu kan. 19 Efisɛ Onyankopɔn no ani gye sɛ Ɔba no wɔ ne su nyinaa wɔ ne mu. 20 Ɛnam ne Ba no so na Onyankopɔn fi ne pɛ mu de wiase nyinaa san bɛhyɛɛ ɔno ankasa ase. Onyankopɔn nam ne Ba no wu a owui wɔ asennua so no de asomdwoe bae, enti ɔde nneɛma a ɛwɔ asase so ne ɔsoro nyinaa ahyɛ nʼase.
21 Bere bi a atwam no, esiane sɛ na moyɛ bɔne na modwene bɔne ho nti, na mo ne Onyankopɔn ntam kwan ware a na moyɛ nʼatamfo nso. 22 Nanso ɛnam ne Ba no wu so nti Onyankopɔn afa mo nnamfo, sɛnea ɛbɛyɛ a mobɛyɛ kronkron a bɔne biara nni mo ho wɔ nʼanim. 23 Ɛsɛ sɛ mokɔ so ma mo gyidi mu yɛ den. Mommma ho kwan mma mo anidaso a munyaa no da a edi kan a motee Asɛmpa no nhinhim. Saa Asɛmpa a wɔka kyerɛ nnipa nyinaa yi nti na me, Paulo, mebɛyɛɛ ɔsomfo no.
Paulo Brɛ Asafo No Ho
24 Ɛyɛ me anigye sɛ merebrɛ mo ho. Menam me honam mu amane a merehu no so retoa Kristo amane a ohuu wɔ ne honam mu maa nʼasafo no so. 25 Onyankopɔn a mo yiyedi nti ɔde saa dwuma yi hyɛɛ me nsa no ayɛ me asafo no somfo. Dwumadi no yɛ nʼasɛm no ka, 26 a ɛyɛ ahintasɛm a mfe bebree a atwam no, ɔde hintaw adesamma, nanso afei de, wada no adi akyerɛ nʼahotewfo. 27 Onyankopɔn nhyehyɛe ne sɛ, ɔbɛda nʼahintasɛm a nnepa ne anuonyam wɔ mu no adi akyerɛ Amanamanmufo nso. Ahintasɛm no ne sɛ: Kristo te mo mu, a ne nkyerɛase ne sɛ, yɛwɔ anidaso sɛ yɛn nsa bɛka Onyankopɔn anuonyam no bi.
28 Ɛno nti yɛka Kristo ho asɛm kyerɛ nnipa nyinaa. Yɛnam adwene pa so bɔ obiara kɔkɔ, kyerɛkyerɛ, sɛnea ɛbɛyɛ a obiara a yɛde no bɛhyɛ Onyankopɔn nsa no bɛyɛ pɛ wɔ Kristo mu. 29 Ɛno nti na menam Kristo tumi sononko a ɔde ma me no so yɛ adwumaden.