8
Nnuan A Wɔde Ma Ahoni
Asɛm a ɛfa nnuan a wɔde ma ahoni ho nso ni: Yenim sɛ, “Yɛn nyinaa wɔ nimdeɛ.” Nanso saa nimdeɛ no ma onipa yɛ ahantan na ɔdɔ ma nkɔso. Onipa a ogye ne ho di sɛ onim biribi no nnim sɛnea anka ɛsɛ sɛ ohu. Nanso onipa a ɔdɔ Onyankopɔn no, Onyankopɔn nim no.
Enti nnuan a wɔde ma ahoni sɛ wonni no, yenim sɛ ohoni wɔ hɔ ma biribi a ɛnte ase. Yenim sɛ Onyankopɔn baako pɛ na ɔwɔ hɔ. Nneɛma bebree wɔ ɔsoro ne asase so a yɛfrɛ wɔn anyame ne awuranom, nanso wɔn mu biara nyɛ anyame anaasɛ awuranom. Yɛwɔ Onyame baako pɛ a ɔyɛ Agya. Ɔno na ɔbɔɔ ade nyinaa, na yɛte ase ma no. Yesu Kristo ne yɛn Awurade a Agya no nam ne so yɛɛ ade nyinaa, na ɔmaa yɛn nkwa.
Nanso ɛnyɛ obiara na onim saa nokwasɛm yi. Nnipa bi de wɔn ho ama ahoni no ara kosi sɛ, sɛ wodi saa nnuan no a wonim pefee sɛ ohoni aduan na wɔredi. Esiane wɔn ahonim a ɛyɛ mmerɛw nti, wogye di nso sɛ aduan no gu wɔn ho fi. Ɛnyɛ aduan a yɛadi no na ɛtwe yɛn bɛn Onyankopɔn. Sɛ yɛanni saa aduan no a, yɛntɔ sin, na sɛ yedi nso a, yɛmmoro so.
Monhwɛ yiye na moamma mo ahofadi no antwetwe wɔn a wɔyɛ mmerɛw wɔ gyidi mu no ankɔ bɔne mu. 10 Sɛ ɛba sɛ obi a nʼahonim yɛ mmerɛw wɔ saa asɛm yi mu hu sɛ wo a wowɔ “nimdeɛ” redidi wɔ ohoni dan mu a, ɛrenhyɛ no nkuran mma ɔno nso nkodi aduan a wɔde ama ahoni no bi ana? 11 Enti saa onipa a ɔyɛ mmerɛw a ɔyɛ wo nua a Kristo wu maa no yi, esiane wo “nimdeɛ” nti ɔbɛyera? 12 Na ɛnam saa ɔkwan yi so bɛma woayɛ bɔne atia wo nuanom. Sɛ ɛba saa a, woyɛ bɔne tia Kristo nso, efisɛ wonam wɔn adwene mu mmerɛwyɛ so adaadaa wɔn. 13 Enti sɛ nea midi de me nua kɔ bɔne mu a, merenwe nam bio sɛnea ɛbɛyɛ a ɛremma me nua nkɔ bɔne mu.