5
Aguamammɔ
Nnansa yi wɔkeka se aguaman a morebɔ wɔ asafo no mu no yɛ hu a abosonsomfo mpo renyɛ saa. Mate mpo sɛ obi afa nʼagya yere. Na ɛbɛyɛ dɛn na moatumi ahoahoa mo ho? Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ mo werɛ how wɔ ho na mompam saa onipa no mfi mo mu? Ɛwɔ mu, me de, me ne mo ntam kwan ware nanso mewɔ mo nkyɛn wɔ honhom mu. Yɛn Awurade Yesu din mu, mabu onipa a ɔyɛɛ afide yi atɛn dedaw te sɛ nea mewɔ mo nkyɛn ara pɛ. Muhyia na meka mo ho wɔ honhom mu a, Awurade Yesu tumi a ɛka yɛn ho no nti, ɛsɛ sɛ mode saa onipa no ma ɔbonsam na ɔsɛe ne nipadua no na Awurade da no du a, wagye ne honhom nkwa.
Ɛnsɛ sɛ mohoahoa mo ho. Munim sɛ mmɔkaw kakraa bi na ɛma mmɔre no tu ana? Ɛsɛ sɛ muyi saa bɔne mmɔkaw dedaw yi fi mo mu na moayɛ kronkron. Ɛba saa a, mobɛyɛ sɛ mmɔre foforo a mmɔkaw nni mu sɛnea minim mo sɛ mote dedaw no. Afei a wɔde Kristo a ɔyɛ yɛn Twam Guamma no abɔ afɔre no, yɛn Twam Afahyɛ no adu so. Eyi nti mommma yɛmmfa mmɔkaw dedaw a ɛyɛ bɔne no nni afahyɛ no, na mmom yɛmfa brodo a mmɔkaw nni mu na ɛyɛ kronkron no na enni afahyɛ no.
Krataa a mekyerɛw mo no, mekaa wɔ mu se mommfa mo ho mmmɔ nguamanfo ho koraa, 10 anaa wiase yi nguamanfo anaa aniberefo anaa akorɔmfo anaa wɔn a wɔsom ahoni. Sɛ wompɛ sɛ wo ne eyinom bɔ a, na ɛsɛ sɛ wufi wiase koraa. 11 Nea mekyerɛ ne sɛ, mommfa mo ho mmmɔ onipa a ɔfrɛ ne ho se onua nanso ɔbɔ aguaman anaa ɔyɛ oniberefo anaa ɔsom ahoni anaa ɔkɔnkɔnsani anaa ɔkɔwensani anaa ɔkorɔmfo. Onipa a ɔte saa no, mo ne no nntena ase nto nsa nnidi.
12 Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mibu wɔn a wɔnka asafo no ho atɛn? Ɛnyɛ wɔn a wɔwɔ asafo no mu mmom na ɛsɛ sɛ mubu wɔn atɛn? 13 Onyankopɔn na obebu wɔn a wonni asafo no mu atɛn, sɛnea Kyerɛwsɛm no ka se, “Mompam onipa bɔne no mfi mo mu.”