16
Towyi
Asɛm a ɛfa tow a wobeyi de aboa Onyankopɔn asafomma a wɔwɔ Yudea ho no ni: Ɛsɛ sɛ moyɛ nea meka kyerɛɛ Galati asafo ahorow sɛ wɔnyɛ no bi. Kwasida biara sika a moanya no, momfa bi nsie baabi sɛnea meba mo nkyɛn a ɛremma munyi tow. Sɛ meba hɔ a mɛkyerɛw adansedi krataa de asoma nnipa a mopene so sɛ mensoma wɔn, na wɔabegye mo akyɛde no de akɔ Yerusalem. Sɛ ɛho hia sɛ me ne wɔn ba a, me ne wɔn bɛba.
Paulo Nhyehyɛe
Sɛ mifi Makedonia a na mɛba mo nkyɛn, efisɛ mɛfa hɔ. Ebia medi nna kakra wɔ mo nkyɛn, anaa mpo medi awɔwbere no wɔ mo nkyɛn, na moaboa me ama makɔ baabiara a mepɛ sɛ mekɔ. Mempɛ sɛ midi nna tiaa bi wɔ mo nkyɛn. Na mmom, mewɔ anidaso sɛ, sɛ Awurade pɛ a, mɛtena mo nkyɛn akyɛ. Nanso mɛtena Efeso ha yi akosi Pentekoste da no. Ɛwɔ mu sɛ wɔn a wɔasɔre atia me no dɔɔso de, nanso akwan pa a metumi afa so adi dwuma pa wɔ ha.
10 Sɛ Timoteo ba mo nkyɛn wɔ ha a, monsom no hɔho, efisɛ ɔreyɛ Awurade adwuma sɛnea meyɛ yi ara. 11 Obiara mmu no abomfiaa, na mmom mommoa no na ontu ne kwan yi asomdwoe mu na watumi asan abɛka me nsa, efisɛ merehwɛ ɔne anuanom no anim.
12 Onua Apolo nso, metaa hyɛ no nkuran sɛ ɔne anuanom a wɔaka no ntaa nsra mo, nanso ɔnyɛɛ nʼadwene sɛ ɔbɛba mprempren ara. Sɛ onya kwan de a, ɔbɛba.
13 Monwɛn, momma mo gyidi mu nyɛ den; mo bo nyɛ duru na munnya ahoɔden. 14 Momfa ɔdɔ nyɛ mo nnwuma nyinaa.
15 Munim Stefana ne ne fifo ho asɛm. Wɔyɛ nnipa a wɔdan bɛyɛɛ Kristofo kan wɔ Hela na wɔde wɔn ho ama Onyankopɔn adwumayɛfo. Mesrɛ mo, me nuanom, 16 sɛ mommrɛ mo ho ase mma nnipa a wɔte saa ne wɔn a wodi saa dwuma no bi no. 17 Mʼani gye Stefana, Fortunato ne Akaiko ba a wɔbae no ho. Wobesii mo anan 18 na wɔama mʼani agye sɛnea wɔmaa mo ani gyei no ara pɛ. Ɛsɛ sɛ yɛkae nnipa a wɔte saa no.
 
19 Asafo a wɔwɔ Asia no kyia mo.
Akwila ne Priska ne asafo a wohyia wɔ wɔn fi no nso kyia mo.
20 Anuanom a wɔwɔ ha no kyia mo.
Momfa ɔdɔ nkyiakyia mo ho mo ho.
 
21 Me ara me nsa ano nkyerɛw ni: Me Paulo, mikyia mo.
 
22 Obiara a ɔnnɔ Awurade no, nnome mmra ne so. Marana-ta “Yɛn Awurade bra!”
 
23 Awurade Yesu adom mmra mo so.
 
24 Me dɔ nka mo nyinaa wɔ Kristo Yesu mu. Amen.