13
Sɛ meka nnipa ne abɔfo kasa foforo na minni ɔdɔ a, na mete sɛ ayowa a egyigye anaa akasae a ɛwosow kɛkɛ. Sɛ mewɔ akyɛde a mitumi ka asɛmpa no ma ɛka nnipa koma; na mewɔ osuahu ne ntease ma mete ahintasɛm nyinaa ase; na mewɔ gyidi a ɛma mitumi tutu mmepɔw, nanso minni ɔdɔ a, menka hwee. Sɛ mede nea mewɔ nyinaa akyɛ na mpo mitu me nipadua si hɔ sɛ wɔnhyew, nanso sɛ minni ɔdɔ a, minnya hwee.
Ɔdɔ wɔ boasetɔ na ne tirim yɛ mmerɛw; ɔdɔ nyɛ ahoɔyaw anaa ɛnkyerɛ ne ho anaa onni ahomaso su. Ɔdɔ mmu ɔbra bɔne; ɔnyɛ pɛsɛmenkominya; ne bo nhaw no; ɔmfa bɔne nhyɛ ne mu. Ɔdɔ mpɛ bɔne, na mmom, ɔpɛ nokware. Ɔdɔ mpa abaw; ne gyidi, nʼanidaso ne ne boasetɔ nni nhuammɔ.
Ɔdɔ wɔ hɔ daa. Nkɔmhyɛ wɔ hɔ, nanso ɛnte hɔ daa; akyɛde a ɛma wɔka kasa foforo wɔ hɔ, nanso ɛwɔ nʼawiei; osuahu wɔ hɔ, nanso ebetwa mu. Nea yenim ne nkɔm a yɛhyɛ no yɛ fa ne fa bi; 10 nanso nea ɛyɛ pɛ no nya ba a, nea ɛyɛ fa ne fa no begu. 11 Meyɛ abofra no, mekasaa sɛ abofra, medwenee sɛ abofra, misusuwii sɛ abofra, na meyɛɛ ɔpanyin yi, magu mmofrasɛm no. 12 Nea yehu no mprempren no te sɛ su bi a ɛyɛ kusuu wɔ ahwehwɛ mu. Ɛno akyi na, yebehu no kann. Nea minim mprempren no yɛ ɛho fa bi; akyiri no, ebedi mu te sɛ Onyankopɔn nimdeɛ a ɔwɔ wɔ me ho no.
13 Na afei nneɛma abiɛsa yi na ɛwɔ hɔ: gyidi, anidaso, ɔdɔ; na ɔdɔ ne mu kɛse.